2 Berɛsosɛm 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asɔrefi dwira no awiei(1 Ahene 8.62-66)

1 Lew 9.24; 1 Ah 18.38; Eks 40.34 Na Solomon wiee mpaebɔ no, ogya fi soro bɛhyew ɔhyew afɔre ne okum afɔre no, na AWURADE anuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.

2Na asɔfo no antumi anhyɛn AWURADE dan no mu, efisɛ AWURADE anuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.

32 Be 5.13; Nnw 136 Na Israel mma no nyinaa hui sɛ ogya ne AWURADE anuonyam abeduru ofi no so no, wɔde wɔn anim butubutuw fam abo nsɛwee no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa”.

4 1 Ah 8.62-66 Na ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ okum afɔre AWURADE anim.

5Na ɔhene Solomon de anantwi peduonu abien ne nguan peha aduonu bɔɔ okum afɔre, na ɔhene ne ɔman no nyinaa dwiraa Onyankopɔn fi no.

6Na asɔfo no gyinagyina hɔ wɔn som nnwuma so, na Lewifo no nso kurakura AWURADE asanku a ɔhene Dawid yɛe sɛ wɔmfa nna AWURADE ase sɛ, “N’adɔe wɔ hɔ daa”, bere a Dawid nam wɔn so yii ayɛ no. Na asɔfo no hyenhyɛn ntorobɛnto, wɔn ntentenso, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.

7Na Solomon yɛɛ abangua a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre na ɔhyew asomdwoe afɔre ho srade no, efisɛ kɔbere afɔremuka a Solomon yɛe no, ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne sradenam no nsen so.

8Ɛbere no mu no, Solomon dii nnapɔnna no nnansɔn, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse pa a wofi nea wɔrekɔ Hamat kosi Misraim subon ano.

9Num 7.10 Na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, na afɔremuka no dwira, wodii no nnansɔn, ne nnapɔnna no nso, nnansɔn.

10Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so aduonu abiɛsa no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkokɔɔ wɔn afi. Na wɔn ani gyei na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Solomon ne ne man Israel no nti.

Onyankopɔn ahoyi a ɛto so abien(1 Ahene 9.1-9)

11Na Solomon wiee AWURADE fi ne ɔhene fi no. Na nea ɛbaa Solomon koma mu sɛ ɔbɛyɛ AWURADE fi ne ne fi mu no nyinaa wiee yiye.

12Deut 12.5 Na AWURADE beyii ne ho kyerɛɛ Solomon anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha mafa sɛ afɔrebɔ fi.

13Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osu ntɔ, na sɛ mehyɛ mmoadabi sɛ wommedi asase no so ade, na sɛ mede ɔyaredɔm meba me man mu,

14na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn so no, brɛ wɔn ho ase, na wɔbɔ mpae, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsan fi wɔn kwammɔne no so a, me nso mefi soro matie, na mede wɔn bɔne makyɛ, na masa wɔn asase no yare.

152 Be 6.40 Afei m’ani bebue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ.

16Na afei mafa ofi yi mayɛ no kronkron, sɛ me din ntena hɔ nkosi daa, na m’aniwa ne me koma bɛtena hɔ nna nyinaa.

17Na wo de, sɛ wonantew m’anim sɛnea w’agya Dawid nantewee, sɛ wobɛyɛ nea mahyɛ wo nyinaa na woadi m’ahyɛde ne m’atemmude so a,

182 Sa 7.12, 16 ɛnne mɛma w’ahenni agua atim, sɛnea me ne w’agya Dawid pamee sɛ wɔremma onipa a obedi Israel so mmɔ wo no.

19Na sɛ mo de, mosan na mugyaw m’ahyɛde ne me mmara nsɛm a mede magu mo anim yi, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a,

20Deut 28.37 ɛnne metu wɔn afi m’asase a mede memaa wɔn no so, na ofi a mayɛ no kronkron mama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene, na mede mayɛ bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu.

21Deut 29.24-27; Yer 22.8-9 Na ɔdan a ɛkorɔn kɔ soro yi, obiara a otwam ho no ho bɛfɔn no na waka sɛ: Efi dɛn so na AWURADE ayɛ asase yi ne ofi yi sɛɛ?

221 Ah 9.1-9 Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wɔakosuso anyame foforo mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde bɔne yi nyinaa aba wɔn so yi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help