Lewitikɔs 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔhyew afɔrebɔde

1Na AWURADE frɛɛ Mose, na ofi ahyiae ntamadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:

2Kasa kyerɛ Israelfo, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu bi de ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, afieboa a ofi anantwi ne nguan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛde mmra.

3 Lew 17.4 Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

4Eks 29.10 Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyew afɔre no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.

5Na onkum nantwi ba no, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.

6Na ongua ɔhyew afɔre no nhoma, na ontwitwa no asinasin.

7Na ɔsɔfo Aaron mma no nsiesie mmabaa wɔ afɔremuka no so na wɔnsɔ ano.

8Na Aaron mma, asɔfo no, mfa asinasin no, botiri no ne srade no ngu afɔremuka gya no so.

9Gye 8.21 Na ɔnhohoro n'ayamde ne ne nnyawa ho wɔ nsu mu; na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

10Na sɛ n'ayɛyɛde no fi nguan mu, nguanten anaa mmirekyi mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre a, onini a odi mu na ɔmfa mmra.

11Na onkum no afɔremuka no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.

12Na ontwitwa n'asinasin no mu, ɛne ne ti ne ne srade nyinaa, na ɔsɔfo no nsiesie ngu afɔremuka no so gya no so.

13Na ayamde ne nnyawa no, ɔmfa nsu nhohoro ho; na ɔsɔfo no mfa ne nyinaa mmra mmɛhyew afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

14Na sɛ n'ayɛyɛde no fi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n'ayɛyɛde mmra.

15Na ɔsɔfo no mfa mmra afɔremuka no ho, na ɔntew ne ti, na ɔnhyew afɔremuka no so, na wonkyi ne mogya ngu afɔremuka no ho.

16Na onyi ne mene ase ne nea ɛwɔ mu ntow nkyene afɔremuka no nkyɛn apuei fam, nea nso gu hɔ.

17Na onsuan ne mu, ne ntaban ho, nanso ɔnntew mu, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ogya no so, ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help