Yesaia 18 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Etiopia hyɛ Onyankopɔn anuonyam

1Aa, asase a wɔte ntaban nnyigyei wɔ so,

a ɛwɔ Etiopia nsubɔnten agya noho.

2Wɔsoma abɔfo fa asubɔnten Nil ani

a wɔtete sakran akorow mu de nam nsu ani no fa po so se:

Abɔfo a mo ho yɛ hare,

monkɔ ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw no nkyɛn,

ɔman a wɔn ho yɛ hu fi ha de rekɔ no,

ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so

a nsubɔnten atwitwa wɔn asase mu no.

3Mo wiasefo

ne asase sotefo nyinaa,

sɛ wosi mmepɔw so frankaa sɛ nsɛnkyerɛnne a, monhwɛ,

na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, muntie.

4Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me ni:

Mɛtena m’agua so mahwɛ komm,

sɛ awia ketee ahohuru mu,

sɛ twabere ahohuru mu bosu mununkum.

5Na ennya nnuu twabere a nhwiren no aporow

na dwennaa reyɛ bobe kasiaw a ɛregyigye no,

ɔde dade betwitwa abaa no agu,

na wayi ne nhama no abubu mu;

6wobegyaw ne nyinaa

ama mmepɔw so nnomaa

ne asase so mmoa,

na nnomaa bedi so ahohurubere,

na asase so mmoa nyinaa adi so awɔwbere.

7 Nnw 68.29, 31 Ɛbere no mu na wɔde ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw bɛyɛ ayɛyɛde abrɛ asafo AWURADE wɔn a wofi ɔman a wɔn ho yɛ hu ara fi ha de rekɔ no mu, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa n’asase mu no, wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenae a ɛne Sion bepɔw no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help