1Mmea mu hoɔfɛfo,
ɛhe na wo dɔfo kɔ?
Ɛhe na wo dɔfo no adan ne ho afa?
Na yɛne wo nkɔhwehwɛ no.
2 Nmd 4.16 Me dɔfo asian kɔ ne turo mu,
aduhuam akofi ho,
sɛ okodidi nturo no mu,
na watetew sukooko nhwiren afɛfɛ no.
3 Nmd 2.16 Me de, mewɔ me dɔfo,
na me dɔfo wɔ me,
ɔno a ɔyɛn ne nguan sukooko no mu.
4 Nmd 1.15 M’adamfowaa, wo ho yɛ fɛ sɛ Tirsa,
woyɛ oyima sɛ Yerusalem,
wo ho yɛ hu sɛ wɔn a wɔahyia ɔfrankaa ase.
5 Nmd 4.1 Yi w’ani fi me so,
na ɛhaw me,
wo nwi te sɛ mmirekyi kuw
a wobutubutuw Gilead bepɔw ho.
6 Nmd 4.2 Wo se te sɛ nguanten mmaatan
a wofi aguaree reforo ba
a wɔn nyinaa awowo ntanta,
na nea wabu kyenenee nni wɔn mu.
7 Nmd 4.3 W’asontɔre mu te sɛ atea aba fa,
w’anim ntontan mu.
8 Nnw 45.14 Ahemmaa si aduɔsɔn,
na ayefam si aduɔwɔtwe,
na mmabaa nni ano.
9 Nmd 5.2 Obiako ne m’aborɔnoma a odi mu,
ne na ba koro ne no,
nea ɔwoo no ɔdɔba ne no,
mmabaa hu no, na wohyira no,
ahemmaa ne ayefam nso,
na wɔkamfo no.
10Ɛhena ne oyi a opue sɛ adekyee,
ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsram,
ne ho tew sɛ owia,
na ne ho yɛ hu sɛ asraafo
a wokura ɔfrankaa yi?
11Misian mekɔɔ adwe turo mu,
sɛ mekɔhwɛ obon mu nhabamma frɔmfrɔm,
sɛ mekɔhwɛ sɛ obobe afefɛw,
sɛ atea agu nhwiren anaa?
12Minnim sɛ me kra de me besi
me man adehye nteaseɛnam mu.
13San, san bra, Sulamit,
san, san bra, na yɛnhwɛ wo.
Dɛn na mohwɛ wɔ Sulamit ho?
Ɔte sɛ Mahanaim asaw no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
