1Eyinom ne nsɛm a ɛwɔ nhoma a Baruk, a ɔyɛ Nerai ba, a ɔyɛ Mahsela ba, a ɔyɛ Sedekia ba, ɔyɛ Hasadia ba, a ɔyɛ Hilkia ba kyerɛw wɔ Babel,
2wɔ afe a ɛto so anum, ɔsram no da a ɛto so asɔn, bere a Kaldeafo faa Yerusalem, na wɔde gya hyewee no mu.
3Na Baruk kenkan saa nhoma yi mu nsɛm no kyerɛɛ Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim, Yuda hene no, ne nkurɔfo a wobetiee nhoma no mu nsɛm no nyinaa,
4ne anuonyamfo, ahenemma mmarima, mpanyimfo, ne nkurɔfo no nyinaa, nkumaa ne akɛse, ne wɔn a wɔtete asubɔnten Sud ho wɔ Babel nyinaa.
5Na wɔkenkan nhoma no wiei no, nnipa no sui na wodii mmuada, na wɔbɔɔ mpae wɔ Awurade anim.
6Wogyigyee sika, sɛnea obiara betumi,
7na wɔde soma kɔɔ Yerusalem kɔmaa ɔsɔfopanyin Yehoiakim, Hilkia ba no, ɔno yɛ Shalum ba, ɔne asɔfo no ne nkurɔfo a ɔne wɔn wɔ Yerusalem nyinaa.
8Bere koro no ara mu, Sivan ne da a ɛto so du no, Baruk faa Awurade asɔrefi nkuruwa a, na wɔayiyi afi asɔrefi no mu kɔ no, sɛ ɔde resan aba Yuda asase so, dwetɛ nkuruwa a Sedekia a ɔyɛ Yosia, Yuda hene ba no yɛe no,
9ɛyɛ bere a na Nebukadnesar, Babel hene afa Yekonia ne mmapɔmma, ne nneduafo a wɔyɛ akunini ne asase no so nkurɔfo afi Yerusalem aba Babel no.
NHOMA A WƆDE KƆƆ YERUSALEM
10Na wɔsee sɛ: Yɛabrɛ mo sika; nti momfa sika no mmɔ ɔhyew afɔre, ne bɔne ho afɔre na montɔ aduhuam, na monsiesie aburow afɔre, na momfa mmɔ afɔre wɔ Awurade yɛn Nyankopɔn afɔremuka no so;
11na mommɔ mpae mma Babel hene Nebukadnesar ne ne ba Belsasar na wɔn nkwa nna, wɔ asase yi so ayɛ sɛ ɔsoro de.
12Na Awurade bɛma yɛn ahoɔden na wama yɛn aniwa ahu hann, na yɛbɛtena Babel hene Nebukadnesar ne ne ba Belsasar banbɔ mu, na yɛasom wɔn nna pii na yɛanya wɔn anim dom.
13Na mommɔ mpae mma Awurade yɛn Nyankopɔn mma yɛn, efisɛ yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn, na ɛde besi nnɛ da yi Awurade abufuw ne n’abufuhyew mfii yɛn so ɛ.
14Na monkenkan saa nhoma yi a yɛde rebrɛ mo yi wɔ ɛnne a egyigye so, na monka yɛn bɔne wɔ Awurade fi afahyɛ nna anaa nhyiam ase.
Bɔneka15Na monka sɛ: Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔtreneeni, na yɛn de animguase aka yɛn nnɛ, aka Yuda mmarima, ne Yerusalemfo.
16Na aka yɛn ahemfo ne yɛn adehye, ne yɛn asɔfo ne adiyifo ne yɛn agyanom,
17efisɛ yɛayɛ bɔne wɔ Awurade anim.
18Yɛayɛ asoɔden na yɛantie Awurade yɛn Nyankopɔn nne, sɛ yɛbɛnantew n’ahyɛde a ɔde sii yɛn enim no so.
19Fi bere a Awurade yii yɛn agyanom fii Misraim asase so de besi nnɛ, yɛayɛ asoɔden atia Awurade yɛn Nyankopɔn, na yɛatoto n'ahyɛde ase, mpɛ sɛ yebetie ne nne.
20Nti besi nnɛ, mmusu ne ɔhaw a Awurade nam n’akoa Mose so pae mu kae wɔ bere a oyii yɛn agyanom fii Misraim asase so, sɛ ɔde asase a nufusu ne ɛwo sen so bɛma yɛn no, aba yɛn so de abesi nnɛ da yi.
21Yɛanyɛ aso amma Awurade yɛn Nyankopɔn nne wɔ asɛm a, ɔnam n'adiyifo a ɔsomaa wɔn yɛn nkyɛn kae no nyinaa mu.
22Mmom yɛn mu biara dii n'ankasa komam nsusuw bɔne akyi, kɔsom abosom bi, de yɛɛ bɔne wɔ Awurade yɛn Nyankopɔn anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.