1Nea ɔhwehwɛ nyansa a efi kan tete no,
na n'ani ku adiyisɛm ho no,
2ɔde akunini nsɛm sie,
na ɔbɔre kɔ mmebusɛm ne abasɛm mu;
3ɔhwehwɛ abebu mu ahintasɛm,
na onya abasɛm mu ntease.
4Ɔsom wɔ nnipa akɛse mu
na ɔkɔ atitiriwfo anim;
otu kwan kɔ aman foforo so,
na osua nea eye ne nea enye wɔ nnipa asetena mu.
5Ɔde si n’ani so sɔre anɔpahema
hwehwɛ Awurade a ɔbɔɔ no no,
na ɔde nkotosrɛ to ɔsorosoroni no anim;
obue n’ano bɔ mpae
na ɔsrɛ bɔne fakyɛ.
6Sɛ Awurade tumfo no pɛ a,
ɔde ntease honhom bɛhyɛ no ma;
ɔbɛka nsɛm a nyansa wɔ mu
na wada Awurade ase wɔ ne mpaebɔ mu.
7Awurade bɛkyerɛ no nimdeɛ kwan,
bere a ɔresusuw n'anwonwasɛm ho no.
8Ɔbɛda ne nyansa adi wɔ ne kyerɛkyerɛ mu,
na n'ani begye wɔ Awurade mmaransɛm ho.
9Nnipa pii bɛkamfo ne nimdeɛ,
na ɛrenyera da;
Nnipa rennyae no nkae da;
na ne din betim afi mmeresanten nyinaa mu.
10Amanaman bɛka ne nyansa,
na asafo no aka n’ayeyi akyerɛ.
11Sɛ onyin kyɛ a, obegye din a ɛyɛ nnipa apem de,
na sɛ ɔkɔ n’ahomegye mu a, na wayɛ bi.
Onyankopɔn ho Ayeyi dwom12Mewɔ pii wɔ me tirim a mepɛ sɛ meka,
mayɛ ma, sɛ ɔsram a wayɛ mua.
13Muntie me, me mma anokwafo na moanyin frɔmfrɔm,
sɛ asuten ho sukooko;
14moayi hua sɛ aduhuam,
na moahyerɛn sɛ nhwiren,
na monto ayeyi dwom;
na monkamfo Awurade wɔ ne nnwuma nyinaa ho.
15Mommɔ no mmran
na momfa ayeyi nna no ase,
momfa mo ano ne asanku nto no dwom;
nea monka mo aseda mu ni:
16Biribiara a Awurade ayɛ no ye,
na biribiara a wahyɛ no, bɛba mu wɔ ne bere mu.
17Obiara ntumi mmisa sɛ: Dɛn ade ni? Anaa dɛn nti a?
Efisɛ bere pa mu no, saa nsɛmmisa no nyinaa ho mmuae bɛba.
N’asɛm nti nsu nyinaa boaa ano sɛ siw,
na n’anom asɛm de nsutae bae.
18Ɔkasa a, n’apɛde nyinaa yɛ hɔ,
na obiara rentumi nsiw ne nkwagye tumi ano kwan.
19Nnwuma nyinaa wɔ n’anim,
na biribiara rentumi nhintaw no.
20Fi mmeresanten kosi n'awiei, ohu biribiara,
na hwee nyɛ nwonwa mma no.
21Obiara ntumi nka sɛ: Dɛn ni? Anaa efi dɛn so?
Efisɛ botae bi nti na wabɔ biribiara.
22Ne nhyira kata asase kesee so sɛ asuten,
na ɔyɛ no tɛkyɛɛ sɛ nsuyiri.
23Mmom n'abufuw pam amanaman
sɛnea ɔma asase pa dan yɛ nkyene no.
24N’akwan teɛ ma ahotefo
nanso ɔyɛ hintidua ma abɔnefo.
25Mfiase no, ɔbɔɔ nneɛma pa maa nnipa pa,
sɛnea wɔbɔɔ nneɛma pa ne nneɛma bɔne maa nnebɔneyɛfo no.
26Nneɛma titiriw a ɛho hia wɔ nnipa asetena mu nyinaa,
ne nsu, gya, dade ne nkyene,
ne awisam, nufusu ne ɛwo,
bobe aba mu ahoɔden, ngo ne ntama.
27Eyinom nyinaa ye ma nea osuro nyame,
nanso abɔnefo de ɛyɛ mmusu ma wɔn.
28Mframa bi wɔ hɔ a wɔabɔ ama aweredi
na wɔn abufuw tumi tutu mmepɔw;
Akontaabu bere du a, wobeyi wɔn ahoɔden adi
de adwudwo wɔn Bɔfo no abufuw.
29Gya, asukɔtwea, ɔkɔm ne ɔyaredɔm
eyinom nyinaa wɔabɔ ama aweredi;
30mmoa a wɔyɛ keka se, ne akekantwɛre ne ahurutia,
ne nkrante a wɔde twe abɔnefo aso.
31Wɔn ani gye ne mmarasɛm ho
na wɔayɛ krado wɔ asase so wɔ ne som ho,
na sɛ wɔn bere du a,
wommu n’asɛm so.
32Efi mfiase no mapene eyinom nyinaa so,
na madwen eyinom ho na makyerɛw ato hɔ.
33Awurade nnwuma nyinaa ye,
na ɔde obiara abisade bɛma no wɔ ne bere mu.
34Na obi renka se: Eyi nye nsen eyi,
efisɛ nneɛma nyinaa ye wɔ ne bere mu.
35Nti afei fi wo koma nyinaa mu to ayeyi dwom
na hyira Awurade din.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.