Gyenesis 16 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hagar ne Ismael

1Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afanaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.

2Gye 30.3, 9; 1 Ko 7.2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asiw m'awo ho kwan, enti kɔ m'afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

3Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirihyia du no, Abram yere Sarai faa n'afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu Abram aware.

4Na ɔkɔɔ Hagar ho, na onyinsɛnee. Na ohui sɛ wanyinsɛn no, obuu n'awuraa animtiaa.

5Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wɔadi me da wo so. Me na mede m'afenaa mato wo kokom, na ohuu sɛ wanyinsɛn nti, obu me animtiaa. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.

6Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w'afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛnea eye w'ani so. Na Sarai tan n'ani na oguan fii ne nkyɛn.

7Na AWURADE bɔfo huu no nsu aniwa bi ho wɔ sare so, Sur kwan so nsu aniwa no ho.

8Na ɔkae sɛ: Hagar, Sarai afanaa, wufi he na woreba, na worekɔ he ni? Na ose: Mifi m'awuraa Sarai anim na mereguan.

9Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ w'awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase hyɛ ne nsa ase.

10Gye 17.20 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ, na dodow nti wɔrentumi nkan wɔn.

11Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ:

Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ba,

na wobɛto no din Ismael, ase ne:

Onyankopɔn tie, efisɛ AWURADE ate w'amanehunu.

12 Gye 25.18 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ sare so afurum,

ne nsa bɛtia nnipa nyinaa,

na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.

13Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasae no din sɛ: Wone El-roi, na ose: So mahu nea ohu me no ampa?

14Gye 24.62; 25.11 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beerlahairoi, ase ne: Ɔteasefo a ohu me no abura, hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.

15Na Hagar woo ba maa Abram, na Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no sɛ: Ismael.

16Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help