1 Gye 46.8 Na eyinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fifo na ɛbae.
2Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda,
3Isakar, Sebulon ne Benyamin,
4Dan ne Naftali, Gad ne Aser.
5Gye 46.27 Na akra a wofi Yakob asen mu nyinaa si akra aduɔsɔn; na Yosef wɔ Misraim dedaw.
6 Gye 50.26 Na Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui.
7Aso 7.17 Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔe pii pa ara, na wɔn ase fɛee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.
8Na ɔhene foforo bi a onnim Yosef bedii Misraim so.
9Na ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfo no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sen yɛn.
10Momma yɛmpɛ nyansa kwan bi mfa wɔn mfa so, na wɔannɔɔso, na sɛ ɔsa bi ba a, wɔankɔdɔm yɛn atamfo ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.
11Gye 15.13; 47.11 Na wosisii wɔn so adwumayɛfo so mpanyimfo sɛ wɔmfa nnwuma a ɛyɛ den nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkurow Pitom ne Rameses maa Farao.
12Nanso dodow a wɔhyɛɛ wɔn so no, dodow ara na wɔdɔe, na wɔtrɛwee. Na Misraimfo suroo Israelfo no.
13Na wɔde anyadi yawyaw dii Israelfo,
14na wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔte ne ntayaa ho adwuma den ne afum adwumayɛ ahorow nyinaa, ne nnwuma horow nyinaa mu nyadi yawyaw a wɔde dii wɔn mu.
15Na Misraim hene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn mu biako din de Sifra, na obiako din de Pua no sɛ:
16Sɛ mokogye Hebrifo mmea awo, na muhu agua no so sɛ ɔyɛ ɔbarima a, munkum no; na sɛ ɔyɛ ɔbea de a, momma ɔntena ase.
17Na awogyefo no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛnea Misraim hene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wogyee mmammarima no nkwa.
18Na Misraim hene frɛɛ awogyefo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moyɛ saa, na moma mmarima no tena ase?
19Na awogyefo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Hebrifo mmea nte sɛ Misraimfo mmea, na wɔn de, wɔyɛ pirimpirim; awogyefo no nnya nnuu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dedaw.
20Enti Onyankopɔn ne awogyefo no dii no yiye. Na nkurɔfo no dɔɔso ara, na wɔyɛɛ den yiye.
21Na esiane sɛ awogyefo no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afi mu yɛɛ yiye.
22Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔtow no nkyene asubɔnten Nil mu, na mmabea nyinaa de, momma wɔntena hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
