1 Eks 11.1; 12.33 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebehu nea mɛyɛ Farao, efisɛ wɔde nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na wɔde nsa a ɛyɛ den bɛma wapam wɔn afi n'asase so mpo.
2Na Onyankopɔn ne Mose kasae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE,
3Gye 17.1; Eks 3.14-15 na miyii me ho mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no de, mamma wɔamfa anhu me.
4Gye 12.7 Nanso mama m'apam a me ne wɔn pamee no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔho no mɛma wɔn.
5Nanso mate Israelfo a Misraimfo di wɔn nya no apinisi, na makae m'apam no.
6Ɛno nti ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene AWURADE, na megye mo afi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadi no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu akɛse magye mo.
7Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ogyee mo fii Misraim nkoasom ase no.
8Gye 22.16; Deut 32.40 Na mede mo mɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma Abraham, Isak ne Yakob no so, na mede mɛma mo sɛ agyapade. Mene Awurade.
9Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfo no; nanso ahometew ne nkoasom dennen no nti wɔantie Mose.
10Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ:
11Kɔ na kɔka kyerɛ Misraim hene Farao sɛ ɔmma Israelfo mfi n'asase so nkɔ.
12Eks 6.30; 4.10 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Hwɛ, Israelfo no ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me a meyɛ ano mu momonoto yi.
13Na AWURADE ne Mose ne Aaron kasae, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Israelfo ne Misraim hene Farao nkyɛn nkoyi Israelfo no mfi Misraim asase so.
14 Gye 46.9-11 Eyinom ne wɔn agyanom afi mu atitiriw: Israel abakan Ruben mma ne: Hanok ne Palu, Hesron ne Karmi; eyinom ne Ruben mmusua.
15Na Simeon mma ne: Yemuel ne Yamin ne Ohad ne Yakin ne Sohar ne Saul a ɔyɛ Kanaanni bea bi ba; eyinom ne Simeon mmusua.
16 1 Be 6.1-4, 16-19 Na eyinom ne Lewi mma din wɔn awo ntoatoaso mu: Gerson ne Kahat ne Merari. Na Lewi mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn.
17Gerson mma ne: Libni ne Simei wɔ wɔn mmusua horow mu:
18Na Kohat mma ne: Amram ne Ishar ne Hebron ne Usiel. Na Kahat mfe a odii si mfe ɔha aduasa abiɛsa.
19Na Merari mma ne Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewi mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te.
20Eks 2.1 Na Amram faa n'agya ne nua Yokebed waree, na ɔwoo Aaron ne Mose maa no. Na Amram mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn.
21Num 16.1 Na Ishar mma ne: Kora ne Nefeg ne Sikri.
22Lew 10.4 Na Usiel mma ne: Misael ne Elsafan ne Sitri.
23Eks 28.1 Na Aaron faa Aminadab babea Eliseba a ɔyɛ Nahson ne nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar maa no.
24Na Kora mma ne: Asir, Elkana ne Abiasaf; eyinom ne Kora mma mmusua.
25Eks 25.7 Na Aaron ba Eleasar faa Putiel mma mu bi waree, na ɔwoo Pinehas maa no. Eyinom ne Lewifo agyanom atitiriw sɛ wɔn mmusua te.
26Eyinom ne Aaron ne Mose a Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi Israelfo mfi Misraim asase so sɛ wɔn dɔm te no.
27Wɔne wɔn a wɔne Misraim hene Farao kasae sɛ wobeyi Israelfo afi Misraim akɔ no, Mose ne Aaron no ni.
28Na da a AWURADE ne Mose kasae Misraim asase so no,
29AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mene Awurade, ka nea mɛka makyerɛ wo nyinaa kyerɛ Misraim hene Farao.
30Eks 6.12 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, ano mu momonoto ne me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.