Yosua 11 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Israel nkonimdi

1Na Hasor hene Yabin tee no, ɔsoma kɔɔ Madon hene Yobab ne Simron hene ne Aksaf hene nkyɛn,

2ne ahene a wɔwɔ benkum fam mmepɔw so, ne Kinerot nifa fam tataw so, ne po ho tataw so, ne Dor nkoko so, Atɔe po fam;

3Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.

4Na wɔne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa fi bae, nnipa pepeankama a wɔn dodow te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.

5Na ahene yi nyinaa behyiae, na wɔbae bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asu ho, sɛ wɔne Israel rebɛko.

6Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn anim, na ɔkyena sesɛbere, me na mɛma woakum wɔn nyinaa, Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hyew.

7Ɛnna Yosua ne akofo dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn so mpofirim, Merom asu no ano, bɛtoaa wɔn.

8Yos 13.6 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wokunkum wɔn na wɔtaa wɔn de koduu Sidon kɛse ne Misrefot-maim ho ne Mispa obon no mu, apuei fam, na wokunkum wɔn de kosii sɛ wɔannyaw wɔn oguanfo bi.

9Na Yosua yɛɛ wɔn sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no: Wɔn apɔnkɔ no, otwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde gya hyewee.

10Na Yosua sanee bere no ara mu bɛfaa Hasor, na ɔde nkrante kum ne hene; na kan no na Hasor ne saa ahenni yi nyinaa ti.

11Num 21.2 Na wɔde nkrante kunkum akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasaa, wɔannyaw biribiara a ɛhome, na ɔde gya hyew Hasor.

12Na ahene yi nkurow nyinaa ne emu ahene nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrante kunkum wɔn sɛee wɔn pasaa, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ no.

13Nanso nkurow a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehyew, gye Hasor nko na Yosua hyewee.

14Na nkurow yi mu asade nyinaa ne mmoa no, Israelfo no fom fae, na nnipa no de, wɔde nkrante kunkum wɔn kosii sɛ woguu wɔn ase dwerɛbee a, wɔannyaw biribiara a ɛhome.

15Sɛnea AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛe; wanyi asɛm bi amfi nea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.

16 Yos 10.41 Na Yosua faa asase yi nyinaa: Mmepɔw no ne nifa nyinaa ne Gosen asase nyinaa, ne po ho tataw no, ne Araba so ne Israel mmepɔw ne ɛho asasetaw no;

17efi bepɔw a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kosi Baal-gad, Lebanon bon no mu, Hermon bepɔw ase. Na wɔn ahene no nyinaa, Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn.

18Nna bebree na Yosua ne saa ahene yi koe.

19Yos 9.15 Kurow biara nni hɔ a wɔne Israelfo dii asomdwoesɛm, gye Hewifo a wɔte Gibeon no nko; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa.

20Deut 7.2 Na efi AWURADE, sɛ opirim wɔn koma sɛ wonkohyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasaa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

21 Num 13.22; Deut 1.28 Na Yosua bae bere no mu betwitwaa Anakfo no gui fii mmepɔw no so, fii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔw nyinaa ne Israel mmepɔw nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkurow nyinaa pasaa.

221 Sa 17.4 Wɔannyaw Anakfo Israelfo no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kae.

23Yos 14.15 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel ma ɛyɛɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn nkyekyem te, wɔn mmusuakuw no mu. Na asase no home fii akodi mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help