Yosua 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yuda asase no ahye

1 Num 34.3-5 Na Yudafo abusuakuw ntonto, sɛ wɔn mmusua te no, ɛtɔɔ Edom hye ho koduu Sin sare so, wɔ nifa fam asase a ɛyɛ nifa hye no awiei so.

2Na wɔn nifa fam hye no fi Nkyene-Po no awiei no ho, dɔnnɔn a ebu fa nifa fam no ano.

3Na ɛnam Akrabim aforoee nifa fam sen kɔ Sin, na ɛforo kɔ nifa fam wɔ Kades-barnea, na etwam kɔ Hesron, na ɛforo kɔ Adar, na ɛpono kɔ Karka.

4Na etwam kɔ Asmon, na ekopue Misraim subon no ano, na ɛkɔpem mpoano. Eyi nyɛ mo nifa fam hye.

5Na apuei hye ne Nkyene-Po no de besi Yordan awiei. Na benkum fam hye no fi Nkyene-Po ho dɔnnɔn a ɛwɔ Yordan awiei no ho.

6Yos 18.17 Na ɔhye no foro kosi Bet-hogla, na ɛsen fa Bet-araba benkum fam, na ɔhye no foro kosi Ruben ba Bohan bo no ho;

72 Sa 17.17 na ɔhye no fi Akor bon no mu foro kɔ Debir, na ɛdan kɔ benkum fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoee a ɛwɔ subon no nifa fam ntentenso no. Na ɔhye no twam fa En-semes nsu no ano, na ɛkɔpem En-rogel.

82 Be 28.3 Na ɔhye no foro fa Hinom ba bon no mu, Yebusifo nkyɛn mu nifa fam, ɛne Yerusalem; na ɔhye no foro kɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon no ntentenso wɔ atɔe wɔ Refaim bon no benkum fam awiei no atifi.

9Yos 15.60 Na ɔhye no hima fi bepɔw no atifi kɔ Neftoa asuti no ho, na efi hɔ kɔ Efron bepɔw so nkurow ho, na ɔhye no hima kɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim.

10Na ɔhye no kɔntɔn fi Baala kɔ atɔe, Seir bepɔw ho, na ɛsen kɔ Har-yearim, ɛne Kesalon, nkyɛn mu wɔ benkum fam; na esian kɔ Bet-semes, na ɛsen kɔ Timna;

11na ɔhye no fi kɔ Ekron nkyɛn mu benkum fam, na ɛkɔntɔn kɔ Sikron, na etwam kɔ Baala bepɔw no so, na efi kɔ Yabneel, na ɔhye no kɔpem po no ano.

12Na atɔe hye no ne Po Kɛse no ne ɛho hye. Eyinom ne Yuda hye a atwa ahyia, sɛ wɔn mmusua te.

Kaleb kyɛfa

13 Yos 14.6-15; Ate 1.10-15 Na Yefune ba Kaleb de, ɔmaa no kyɛfa, Yudafo mu, sɛnea AWURADE hyɛɛ Yosua no: Anak n’agya Arba kurow a ɛne Hebron.

14Ate 1.10-15 Na Kaleb tuu Anak mma baasa no fii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai, Anak asefo.

15Na ofi hɔ foro kɔɔ Debirfo ho; nso kan no na Debir din ne Kiriat-sefer.

16Na Kaleb kae sɛ: Nea ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babea Aksa mɛma no aware.

17Ɛnna Kaleb ne nua Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babea Aksa maa no aware.

18Na ɔbea no kɔɔ Otniel nkyɛn no, Otniel ka kyerɛɛ Aksa sɛ ommisa n’agya hɔ asase bi; na ɔbea no fi n’afurum so sii fam; na Kaleb bisaa no sɛ: Ɛdɛn na wohwehwɛ?

19Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛde bi ɛ, na nifa asase na wode ama me nti, ma me mmasu nso. Na ɔmaa no atifi mmasu ne anafo mmasu.

Yuda mma no kyɛfa

20Eyi ne Yuda mma abusuakuw no agyapade, sɛ wɔn mmusua te.

21Na Yudafo abusuakuw no nkurow a ɛdeda nifa fam pɛɛ de rekɔ Edom hye so ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,

22ne Kina ne Dimona ne Adada,

23ne Kedes ne Hasor ne Itnan,

24Sif ne Telem ne Bealot,

25ne Hasor-hadata ne Keriot, Hesron, ɛne Hasor,

26Amam ne Sema ne Molada,

27ne Hasar-gada ne Hesmon ne Bet-pelet,

28ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkuraa,

29Baala ne Iyim ne Esem,

30ne Eltolad ne Kesil ne Horma,

31ne Siklag ne Madmana ne Sansana,

32ne Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon: Ne nyinaa si nkurow aduonu akron ne ɛho nkuraa.

33 Ate 13.25; 16.31 Po ho tataw no so de ne: Estaol ne Sora ne Asna,

34Sanoa ne En-ganim, Tapua ne Enam,

35Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,

36Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa.

37Senan ne Hadasa ne Migdal-gad,

38ne Dilean ne Mispe ne Yokteel,

39Lakis ne Boskat ne Eglon,

40ne Kabon ne Lahmas ne Kitlis,

41ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa.

42Libna ne Eter ne Asan,

43ne Yifta ne Asna ne Nesib,

44Yos 19.29 ne Keila ne Aksib ne Maresa: Nkurow akron ne ɛho nkuraa.

45 1 Sa 5.10 Ekron ne ɛho nkurow ne nkuraa,

46efi Ekron de kosi po fam nea ɛwɔ Asdod nkyɛn mu nyinaa ne ɛho nkuraa.

47 1 Sa 5.1; Ate 1.18; Num 34.6 Asdod, ɛho nkurow ne nkuraa, Gasa, ɛho nkurow ne nkuraa de kosi Misraim subon no ano, ne Po Kɛse ne ɛho hye.

48Na mmepɔw so de ne: Samir ne Yatir ne Soko,

49ne Dana ne Kiriat-sana a ɛne Debir,

50ne Anab ne Estemo ne Anim,

51ne Gosen ne Holon ne Gilo: Nkurow dubiako ne ɛho nkuraa.

52Arab ne Duma ne Esan,

53ne Yanum ne Bet-apua ne Afeka,

54ne Humta ne Kiriat-arba a ɛne Hebron, ne Sior: Nkurow akron ne ɛho nkuraa.

55Maon, Karmel ne Sif ne Yuta,

56ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,

57Kain, Gibea ne Timna: Nkurow du ne ɛho nkuraa.

58Halhul, Bet-sur ne Gedor,

59ne Maarat ne Bet-anot ne Eltekon: Nkurow asia ne ɛho nkuraa.

60 Yos 9.17; 18.14 Kiriat-baal a ɛne Kiriat-yearim ne Raba: Nkurow abien ne ɛho nkuraa.

61Num so de ne: Bet-araba, Midin ne Sekaka,

62ne Nibsan ne Ir-hamela ne En-gedi: Nkurow asia ne ɛho nkuraa.

63 Yos 18.28; 2 Sa 5.6 Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yudafo no antumi antu wɔn, na Yebusifo no ne Yudafo no tenaa Yerusalem de abesi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help