Deuteronomium 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mmoa a monni ne nea monnni

1 Lew 19.27-28 AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, monnsesa mo ho nkamaa na mommmɔ tikwaw mmma owufo biara; Lew 11

2na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ n’ahode man, asase so aman nyinaa mu.

3Nni akyide biara.

4Eyinom ne mmoa a munni: Nantwi, oguanten ne abirekyi;

5ɔforote ne adowa ne ɔwansan ne ewi ne ɔtwe ne ɛkoɔ ne abere.

6Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apae, na ne tɔte mu apae nta abien, na opuw wesaw, mmoa mu no, ɔno na munni.

7Nanso eyinom de, munnni, wɔn a wopuw wesaw ne wɔn a wɔn tɔte mu apae koraa no mu: Yoma ne adanko ne atwaboa, efisɛ wopuw wesaw de, nanso wɔn tɔte mu mpae: Wɔn ho ntew mma mo;

8ne prako nso, efisɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwesaw: Ne ho ntew mma mo. Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu.

9Eyi ne nea munni, nea ɛwɔ nsum nyinaa: Nea ɛwɔ ntɛtɛw ne abon nyinaa munni;

10na biribiara a enni ntɛtɛw ne abon no, munnni: Ɛho ntew mma mo.

11Anomaa biara a ne ho tew no, munni.

12Na eyinom ne wɔn a munnni: Ɔkɔre ne ɔkɔrebia ne asu so kɔre,

13ne ɔkompete ne ɔsansa ne ɔkom ne n’ahorow,

14ne anene ahorow nyinaa,

15ne sohori ne patukɛse ne po so asomfena ne akoroma ne n’ahorow,

16patubiaa ne patukɛse ne bakanoma,

17ne pokupoku ne opete ne po so anene,

18ne asukɔnkɔn ne asukɔnkɔn ahorow ne asuakwaa ne ampan.

19Na ntuboa a wɔwea nyinaa ho ntew mma mo; munnni.

20Ntuboa a wɔn ho tew nyinaa, munni.

21 Eks 22.31; 23.19 Munnni aboa funu; fa ma ɔhɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu ma onni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, efisɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn.

Nnoa aguammaa ne na nufu mu.

Ntotoso du du ho mmara

22 Lew 27.30 W’ade a wuduae nnɔbae a w’afuw ma daa afirihyia no, yi so ntotoso du du;

23Deut 12.18 na AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a obeyi sɛ ne din ntena no na di w’aburow ne wo nsa ne wo ngo so ntotoso du du ne w’anantwi ne wo nguan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa.

24Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyira wo na sɛ ɔkwan no ware a wuntumi nsoa, efisɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no ne wo ntam ware a,

25ɛnne dan no sika, na kyekyere sika no kura, na sim kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi no.

26Na fa sika no tɔ ade biara a wo kra kɔn dɔ, nantwi ne oguan ne bobesa ne nsa biara a ɛyɛ den ne ade biara a wo kra pɛ, na di no hɔ, AWURADE wo Nyankopɔn anim, na ma wo ne wo fi ani nnye.

27Deut 12.19 Na Lewini a ɔwɔ wo kurow apon mu no, nnyaw no, efisɛ onni kyɛfa ne agyapade biara sɛnea wo de wowɔ.

28 Deut 26.12-15 Mfe abiɛsa awiei no, yi w’afe no mu nnɔbae so ntotoso du du gugu wo nkurow apon mu,

29ma Lewini, efisɛ onni kyɛfa ne agyapade biara sɛnea wo de wowɔ, ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo kurow apon mu mmra mmedi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help