1Saa bere yi mu na Antiokus tuu ne sa a ɛto so abien wɔ Misraim so.
2Na ɛbae sɛ bɛyɛ adaduanan, na ɔne n'asraafo dɔm a wɔakɔ amia mu na ebinom tete apɔnkɔ so, na wokurakura nkrante na afoforo nam wim atwa ahenkurow no ho ahyia.
3Apɔnkɔso asraafodɔm a wɔahyia, na ebi bɔ wura ha, na afoforo toa so wɔ nohoa, ne ha ne ha. Nkatabo, mpeaw, ne akode ahorow ɛnenam wim, ne sika mpɛmɛ a wɔtotow ne akode nyinaa bi di ahim.
4Ne saa nti obiara bɔɔ mpae sɛ: Wɔmma nea wohu no nyɛ nsɛnkyerɛnne pa.
5Bere a wonyaa no ntee, sɛ wɔkeka sɛ Antiokus awu no, Yason boaboa dɔm bɛyɛ apem ano na mpofirim ara otuu ahenkurow no so sa. Bere a asraafodɔm a wogu afasu no so no bɔ petee no, na awiei no wɔreyɛ abɔ ahenkurow no, Menelaus kɔbɔɔ ne ho aguaa wɔ abankɛse no mu.
6Na Yason de ɔkɔɔ so ara kunkum n'ankasa ne kuromfo. Wanna ansusuw ho anhu sɛ, n'ankasa abusuafo so nkonimdi no, yɛ mmusubɔ kɛse, mmom ɔdwenee sɛ atamfo bi na ɔredi wɔn so nim, de agye nkonim abotri.
7Nanso wantumi antu aban no angu; na ewiei no, n'anim guu ase sɛ ɔbɔɔ pɔw bɔne saa, enti ɔbɔɔ ne ho aguaa bio kɔtenaa Amonfo man mu.
8Akyiri yi n’awiei yɛɛ basaa. Wɔbɔɔ no sobo wɔ Arabhene Aretas anim, sɛ odi atutena fi ɔman biako so kɔ foforo so. Na nnipa nyinaa hu no sɛ obi a wabu mmara so. Afei wokyi no sɛ obi a wakunkum n'ankasa ne kuromfo, enti wɔtow no kyenee mpoano wɔ Misraim.
9Afei na ɔno a wapam nnipa pii afi wɔn ankasa man mu ama wɔakɔpɛ hintabea nkurɔfo aman mu no, kowu daa obi man mu sɛ ɔhɔho. Eyi sii wɔ bere a osiim sɛ ɔrekɔ Lakedaemonia akɔpɛ hintabea esiane sɛ na wɔyɛ n’abusuafo nti.
10Ɔno a, ne nti nnipa pii wuwui a wɔannya obi ansie wɔn amu no, ɔno ara nso wui a wannya obiara mpo ansu no; wɔanyɛ no ayi biara, na wɔannsie no wɔ n’agyanom amusie.
11Bere a ɔhene tee nea asi no, n’adwene yɛɛ no sɛ atuatew asi wɔ Yudea, nti ɔde abufuw fii Misriam kogyee ahenkurow no ahoyeraw so.
12Na ɔhyɛɛ n'asraafo no sɛ: Wonkunkum nnipa a wobehyia wɔn no, na mpo sɛ woguan kɔhyehyɛ wɔn afi mu a wɔntoa wɔn wɔ hɔ.
13Nti wokunkum mpanyin ne mmofra, mmarimaa ne mmeawa, mmabaa a wɔasisi so ne nkokoaa.
14Nnansa ntam no, na nnipa mpem aduowɔtwe awuwu. Emu mpem aduanan de, ɛyɛɛ to-ma-mentow, na wɔn a wɔtontɔn wɔn sɛ nkoa no, dodow te sɛ, wɔn a wokunkum wɔn no ara pɛ.
Asɔrefi no ho fi gu15Ne bo annwo wɔ eyi ho, enti Antiokus de ahoɔden kɔhyɛn asɔrefi kronkron mu kronkron a ne sɛso nni wiase ha baabiara no mu. Menelaus na ɔkyerɛɛ no kwan, ɔno a wayɛ ne ho kɔnkɔsani wɔ ne man ne mmara ho no.
16Ɔde ne nsa ne ɛho fi, yiyii nkuruwa kronkron no, ne bɔhyɛ afɔrebɔde a ahemfo binom de abɛboa de ahyɛ beae hɔ no anuonyam no.
17Ahantan hyɛn Antiokus mu, na wanhu sɛ Awurade bo afuw bere tiaa bi, ɛnam wɔn a wɔwɔ ahenkurow no mu no bɔne nti, na ɛno nti na wama ho kwan sɛ wongu kronkronbea no ho fi no.
18Mmom sɛ ɛnyɛ sɛ na bɔne amene wɔn pii a, anka saa onipa yi bae ara pɛ, anka wɔbɛteɛteɛ no, na wɔabobɔ no na wasan n'akyi, sɛnea wɔde yɛɛ Heliodorus a, ɔhene Seleukus somaa no sɛ ɔnkɔhwɛ sikakorabea no.
19Nanso ɛnyɛ kronkronbea no nti na Awurade yii ɔman no, mmom ɔman no nti na wɔyɛɛ kronkronbea no.
20Ne saa nti mmusu a ɛbaa ɔman no so no, bi kaa beae no nso, na akyiri mfaso no nso, onyaa bi; na nea woyii no akwa wɔ Otumfo no abufuhyew mu no, san bae bio, wɔ anuonyam nyinaa mu bere a Otumfo Awurade no bo dwoe no.
21Nti Antiokus faa talente apem ahanwɔtwe fii asɔrefi hɔ, na ntɛm ara osiim kɔɔ Antiokia. N'ahantan nti, odwenee sɛ obetumi de hyɛn afa asase so na wanantew po so, efisɛ n’ani traa ne ntɔn.
22Na ofii amradofo akyi, kɔtaa nkurɔfo wɔ Yerusalem; Filipo a n'awo nti ofi Frigia no suban yɛ tan sen onipa a ɔpaw no no mpo.
23Androkus hwɛɛ Gerisim; na Menelaus hwɛɛ wɔn a aka no, ɔno mmom hyɛɛ n'ankasa nkurɔfo no so taa wɔn, sen nea wɔn a aka no yɛ tiaa Yudafo no.
24Antiokus somaa Apolonius, Misiafo safohene no, na ɔmaa no asraafo mpem aduonu abien na ɔhyɛɛ no sɛ onkokunkum mmarima a wɔn ani afi no, na ɔntontɔn mmea ne mmarimaa no sɛ nnɔnkɔfo.
25Bere a oduu Yerusalem no, ɔboapa yɛɛ sɛ ɔbaa no asomdwoe mu na ɔtwɛn kɔpem Yudafo no homeda a onim sɛ wɔnkɔ adwuma no, na ɔhyɛɛ n'asraafo dɔm no ma wɔfaa wɔn akode.
26Ɔde afoa kunkum wɔn a wopuepue sɛ wɔrebɛhwɛ wɔn no, na afei ɔne n’asraafo no bɔ hyɛn ahenkurow no mu kunkum nnipa pii.
27Nanso Yuda Makabeus ne nnipa bɛyɛ baakron fii nsa kɔɔ sare so, na wɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ mmepɔw no so, sɛnea mmoa a wɔyɛ keka yɛ no. Wɔkɔɔ so dii nnuaba, wewee nhaban ara, na fi bi anka wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.