Amos 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Amanaman no ateɛteɛ

1 Amos 7.14; 2 Ah 15.1; 14.23; Sak 14.5 Amos a ɔwɔ Tekoa nguanhwɛfo mu nsɛm a ohui n’ani so, Israel ho, Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so, mfe abien ansa na asasewosow no bae ni.

2 Yer 25.30; Yoel 3.16 Na ose:

AWURADE fi Sion bobom,

na ofi Yerusalem ma ne nne so;

na nguanhwɛfo adidibea no atwintwam,

na Karmel atifi akisa.

3 Yes 17.1-3 Sɛ AWURADE se ni:

Damasko amumɔyɛ ntoatoaso nti

merennan n’asotwe no,

sɛ wɔde dade awiporowade

dwerɛw Gilead nti:

4Na mɛto Hasael fi mu gya,

na ahyew Ben-hadad aban dennen no;

5 2 Ah 16.9 na mebubu Damasko pon akyi adaban,

na matwa wɔn a wɔte Awen bon mu afi mu,

ne ɔhempomakurafo no afi Bet-eden;

na wobetu Siria man akɔ Kir,

AWURADE na ose.

6 2 Be 28.17-18; Yer 47.1 Sɛ AWURADE se ni:

Gasa amumɔyɛ ntoatoaso nti

merennan n’asotwe no,

sɛ wotuu atukɔfo dodow, ɔman mu, kɔe

sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.

7Na mɛto Gasa fasu mu gya,

na ahyew n’aban dennen no;

8na metwa emufo afi Asdod ne ɔhempomakurafo afi Askelon,

na mɛdan me nsa mahyɛ Ekron,

na Filistifo nkae ayera,

AWURADE Nyankopɔn na ose.

9 Yes 23; Yoel 3.4; 1 Ah 5.12 Sɛ AWURADE se ni: Tiro amumɔyɛ ntoatoaso nti

merennan n’asotwe no,

sɛ wɔde atukɔfo dodow,

ɔman mu hyɛɛ Edom nsa,

na wɔankae anuanom apam no nti.

10Na mɛto Tiro fasu mu gya,

na ahyew n’aban dennen no.

11 Yer 49.7; Deut 23.7; Oba 10 Sɛ AWURADE se ni:

Edom amumɔyɛ abiɛsa ne anan nti

merennan n’asotwe no,

sɛ ɔde afoa tiw ne nua,

na ne yam anhyehye no,

na n’abufuw sɛe ade ara,

na ɔyɛ n’abohuru no so ade daa nti.

12Na mɛto Teman mu gya,

na ahyew Bosra aban dennen no.

13 Yer 49.1-6 Sɛ AWURADE se ni:

Amonfo amumɔyɛ ntoatoaso nti

merennan wɔn asotwe no,

sɛ bere a wogu so retrɛw wɔn ahye mu no mpo,

wɔpaepae Gilead apemfo mu nti

14na mɛsɔ Raba fasu mu gya,

na ahyew n’aban dennen no,

ɔko da no bɛyɛ gyegyeegye,

na ɛbɛyɛ den sɛ, ahumtu da ne kirididibɔ.

15Na wɔn hene bɛkɔ otukɔ mu,

ɔno ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ,

AWURADE na ose.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help