1Afe ɔha aduɔsɔn abien no mu no, ɔhene Demetri boaboa n'asraafo ano bɔɔ nsra kɔɔ Media kɔpɛɛ hɔ mmoa, nea ɛbɛyɛ a ɔne Trifo betumi ako.
2Bere a ɔhene Asase a ofi Persia ne Media tee sɛ Demetri awura ne mpasua so rebɛfow ade no, ɔsomaa n'asraafo mpanyimfo no mu biako kɔkyeree no animono.
3Ɔsraani panyin no, kodii Demetri asraafo no so, kyeree no, de no kɔɔ ɔhene Asasa hɔ, na wɔde no too afiase.
4Simon ayeyi
Na Simon bere so, asomdwoe baa asase no so.
Ɔpɛɛ ɔman no yiye;
wɔn ani gyee n'ahenni no ho,
na wodii no ni ne bere so nyinaa,
5Nea ɛboro n'anuonyam so nyinaa ne sɛ: Ɔde Yopa yɛɛ nhyɛn gyinabea
na obuee kwan kɔɔ awɔw po no mu.
6ɔtrɛw ne man no ahye mu
na odii ɔman no so tumi yiye.
7Ɔfaa nnommum pii
na odii tumi wɔ Gasara ne Bef-su ne Abannennen no so.
na oyii nea ɛho ntew biara hɔ.
Na obiara anka no hwee.
8Wɔyɛɛ wɔn mfuw wɔ asomdwoe mu,
na nnɔbae pii bae.
na sare so nnua sow aba pii.
9Mpanyin tenaa mmɔnten so,
kaa nneɛma pa aba no ho nsɛm.
Na mmabun hyehyɛɛ asraafo ntade a ɛyɛ fɛ.
10Ɔmaa ɔmanfo nnuan
na ɔde banbɔ ho nneɛma maa wɔn,
kosii sɛ ne din duu baabiara.
11Ɔmaa asomdwoe baa asase no so,
Na Israel ani gyei pii.
12Na obiara tenaa ne fi dwoodwoo
Na obira anyi wɔn hu.
13Obiara nni asase no a ɔne wɔn ko,
na nna no mu no, ahemfo no yɛɛ komm.
14Ɔboaa nnipa no mu abrɛfo no,
na mmara yɛɛ adwuma
na atuatewfo ne asowuifo no, oyiyii wɔn nyinaa hɔ.
15Ɔhyɛɛ asɔrefi hɔ anuonyam,
na ɔmaa ɛhɔ nkuruwa no dɔɔso.
Roma ne Spata ayɔnkofa16Wɔtee no Roma ne Spata nyinaa sɛ Yonatan awu, na wɔn werɛ how pii.
17Na wɔtee sɛ ne nua Simon adi sɔfo panyin wɔ n'anan mu, na ɔredi ɔman ne nkurow no so no,
18wɔkyerɛw guu kɔbere apon so, de kɔmaa no de hyɛɛ wɔn ayɔnkofa a wɔ ne ne nuanom Yuda ne Yonatan hyɛɛ ase no mu den.
19Na wɔkenkan eyi wɔ nnipa dɔm no anim wɔ Yerusalem.
20Na eyi ne lɛtɛ a Spatafo no de kɔe no sɛso:
Ahemfo ne kurow mma, de kɔma Ɔsɔfo panyin Simon, ne ne mpanyin, ne asɔfo, ne yɛn nuanom Yudafo a aka no. Yekyia mo.
21Abɔfo wosomaa wɔn baa yɛn nkyɛn no abɛka w'anuonyam akyerɛ yɛn, na yɛn ani agye sɛ wɔbae.
22Yɛakyerɛw wɔn ho nsɛm sɛnea edidi so yi wɔ yɛn man no mmara mu sɛ: Antioku ba Numenu ne Yason ba Antipate a wɔyɛ abɔfo a wofi Yuda aba yɛn nkyɛn abɛhyɛ yɛ ne wɔn ayɔnkofa mu den.
23Yɛn ani gyei sɛ saa nnipa yi bae, na yegyee wɔn fɛw so. Na yɛde wɔn nsɛm a wɔde bae no ahyɛ yɛn nhoma korabea, nea ɛbɛyɛ a Spatafo benya bi akenkan. Na yɛde nhoma no sɛso nso akɔma Ɔsɔfo panyin Simon nso.
24Eyi akyi no Simon somaa Numenu de Sika kɔkɔɔ bɛyɛ karibo apem, kɔhyɛɛ wɔne Romafo ayɔnkofa mu den.
Ɔmanfo no hyɛ Simon anuonyam25Nnipa no tee eyinom no, wɔkae sɛ: Yensi dɛn nna Simon ne ne mma ase?
26Efisɛ ne nuanom ne n'agya fi ayɛ ade pii, wɔko pam Israel atamfo, de fawohodi bae.
27Enti wɔkyerɛw ne ho nsɛm no, wɔ kɔbere apon so, de hyɛɛ Sion Bepɔw no adum no mu.
Nea wɔkyerɛw no sɛso ni: Ɔsɔfo Panyin Simon afe a ɛto so abiɛsa no, wɔ afe ha aduɔsɔn abien no mu no, ɔsram Elul da a ɛto dunwɔtwe no,
28na wɔkaa eyi, wɔ asɔfo mpanyin, ahemfo, ne ɔman mpanyimfo ne nnipa pii anim.
29Esiane sɛ ɔko taa ba, na Matias ba Simon a ɔyɛ ɔsɔfo panyin ne ne nuanom de wɔn kra too hɔ, de hyiaa ɔman no atamfo, de bɔɔ wɔn kronkronbea ne mmara no ho ban, na wɔde anuonyam brɛɛ wɔn man.
30Na Yonatan bɛyɛɛ wɔn sɔfo panyin, de boaboaa nnipa no ano.
31Mmere a wɔn atamfo bɔɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe wɔn man na wɔn nsa aka wɔn kronkronbea no,
32Simon sɔree na ɔko gyee ɔman no, ɔsɛe n'ankasa sika pii, de akode maa ne man mu asraafo no, na otuaa wɔn ka.
33Ɔbɔɔ Yudea ne Bef-su a ɛwɔ Yudea ɔhye so, beae a, kan no atamfo no kora wɔn akode no, na ɔde Yudafo asraafo koguu hɔ.
34Ɔbɔɔ mpoano kurow Yopa ho ban, ne Gasara a ɛne Asotu bɔ ɔhye no, ɛhɔ ne beae a kan no atamfo no te. Ɔde Yudafo kɔtenaa hɔ, na ɔyɛɛ nea ehia nyinaa maa n'asiesie.
35Nnipa no huu Simon nokwaredi, ne ne pɛ, sɛ ɔhwehwɛ anuonyam ama ne man. Na wɔde no yɛɛ odikanfo ne ɔsɔfo panyin, efisɛ wayɛ eyinom nyinaa, na ɔde atɛntrenee ne ahofama de aso ne man mu nti. Ɔfaa akwan pii so de pagyaw ne nkurɔfo.
36Ne bere so no, nneɛma pa kɔɔ so yiye sɛ amanaman mufo fii ɔman no, ne Dawid kurow Yerusalem mu. Ɛhɔ na wɔasi abannennen, na wofi mu gu kronkronbea no ho fi, de sɛe n'anuonyam
37Ɔde Yudafo kɔtenaa hɔ, bɔɔ ho ban maa ɔman no yiyedi, na ɔtoaa Yerusalem afasu no so yɛɛ no tenten.
38Eyinom nti na ɔhene Demetri maa no so sɛ ɔsɔfo panyin.
39Na ɔde no yɛɛ ne nnamfo no mu biako, hyɛɛ no anuonyam.
40Efisɛ ɔtee sɛ Romafo no frɛ wɔn nnamfo, aboafo ne anuanom na wogyee Simon abɔfo no fɛw so.
41Yudafo no ne wɔn asɔfo asusuw ho sɛ, Simon bɛyɛ wɔn dikanfo ne sɔfo panyin ara akosi sɛ odiyifo nokwafo bi bɛsɔre.
42Na onni ɔman no so panyin na ɔnhwɛ kronkronbea hɔ mpaw hɔ nnwuma no so mpanyimfo, ne ɔman no akode ne abannennen so ahwɛfo.
43Na obiara nni no ni, na wɔnyɛ nhyehyɛe nyinaa wɔ ne din mu. Womfura no ntama kɔkɔɔ, na wɔmfa sika komuade nto ne kɔn mu.
44Onipa bi anaa ɔsɔfo bi nni ho kwan sɛ obu n'asɛm animtiaa, anaa ɔyɛ nhyiam bi a Simon nnim ho bi.
45Obiara a obebu saa nsɛm yi so no, benya asotwe.
46Nnipa no nyinaa penee sɛ wobedi saa nsɛm yi so.
47Enti Simon penee nsɛm yi so, sɛ ɔbɛyɛ wɔn sɔfo panyin ne odikanfo ama Yudafo no ne asɔfo no, nam so de abɔ ɔman no ho ban.
48Na wɔhyɛɛ mmara, ma wɔkyerɛwee eyinom wɔ kɔbere apon so, de sisii petee mu wɔ kronkronbea hɔ.
49Na wɔde nsɛm yi sɛso kɔɔ adekorabea, nea ɛbɛyɛ a, Simon ne ne mma benya bi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.