Yesaia 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Moab ho atemmusɛm

1

2 Hes 7.18 wɔreforo akɔ Dibon

ne sorɔnsorɔmmea akosu,

Nebo ne Medeba;

Moab retwa adwo,

wɔn nyinaa abobɔ tikwaw

wɔn nyinaa ayiyi wɔn bogyesɛ;

3 Yes 22.1 wofurafura atweaatam, wɔn mmorɔn so,

na wɔn adan atifi ne wɔn mpɔtam,

wɔn nyinaa retwa adwo, nusu abu wɔn kɔn.

4Na Hesbon ne Eleale teɛm

ma wɔte wɔn nne kodu Yahas,

eyi nti na Moab akofo teɛm dennen;

ne kra ho popo.

5 Yes 16.9-11 Me koma su ma Moab,

na n’aguanfo kodu Soar,

kodu Eglat-selisiya,

na Luhit aforoe no,

wɔde nusu foro,

na Horonaim kwan mu

wɔma ɔsɛe adwotwa so.

6Na Nimrim asu

no asɛe pɔtɔɔ,

na sare aguan,

na wura asa,

wura momono nni hɔ bio.

7Enti ade a wɔanya asie

ne wɔn akorade no,

wɔsoa kotwa Mpampuro Subon.

8Na osu no

atwa Moab asase so ahyia,

ne su adu Eglaim,

ne su nso adu Beer-elim.

9Na mogya ayɛ Dimon nsu no ma,

na mede ade foforo nso meka Dimon ho;

gyata bɛba Moab aguanfo

ne asase no so nkae no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help