Lewitikɔs 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔhyew afɔrebɔ ho mmara

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Sɛ obi yɛ bɔne di AWURADE kusum sɛ ɔsan ne yɔnko ade bi a ɔde ama no asie anaasɛ ɔde ahyɛ ne nsa, anaasɛ ɔbɔ korɔn, anaasɛ odi ne yɔnko amim,

3anaasɛ wahu biribi a ayera, na ɔsan, na ɔka ntanhunu, sɛ onipa yɛ eyinom biara mu bɔne,

4Hes 33.15; Eks 22.1-9 na sɛ ɛba sɛ wayɛ bɔne na odi so saa a, ɔmfa ade a owiae, anaa ade a odii mu amim, anaa ade a wɔde maa no asie, anaa ade a ɛyerae a ohui,

5Lew 5.16 anaa ade biara a ɔkaa ho ntanhunu no nsan mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn anum mu biako mpae so mma ɔdede, n'asodi ho afɔrebɔ da no ara;

6Lew 5.15 na ɔmfa n'asodi ho afɔre a ɔde rebrɛ AWURADE no mmrɛ ɔsɔfo no, nguan mu dwennini a odi mu, sɛnea wɔbɛbɔ ne bo, na ɛnyɛ asodi ho afɔre.

7Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde ade biara a wayɛ a odi ho so no bɛkyɛ no.

Ɔhyew afɔre ho mmara

8Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

9Lew 1 Hyɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Eyi ne ɔhyew afɔre ho mmara, ɔhyew afɔre no ntena asammorofi, afɔremuka no so anadwo mu nyinaa nkosi anɔpa, na wɔmma afɔremuka no so gya no nnɛw wɔ so.

10Eks 28.42 Na ɔsɔfo no nhyɛ ne nwera atade, na ɔnhyɛ ne nwera twakoto nkata ne ho, na ɔnsesaw nso a ɔhyew afɔre gya no hyew gyawee afɔremuka no so no ngu afɔremuka no nkyɛn.

11Lew 4.12 Na onyi ne ntade no, na ɔnhyɛ ntade foforo, na ɔmfa nso no mfi nkɔ nsra no akyi nkogu nea ɛhɔ tew.

12Na wɔmma afɔremuka so gya no nnɛw, ennnum ara da, na ɔsɔfo no nsɔ mmabaa wɔ so daa anɔpa, na onsiesie ɔhyew afɔre no wɔ so, na ɔnhyew so asomdwoe afɔre ho srade no.

13Ogya nnɛw afɔremuka no so daa, ennnum da.

14 Lew 2 Na eyi ne aduan afɔre ho mmara: Aaron mma no mfa mmra AWURADE anim wɔ afɔremuka no anim.

15Na ɔmfa aduan afɔre no asikresam no nsa ma, ne ngo no bi ne aduan afɔre no so huamfufu nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam nyɛ nkae ade mma AWURADE.

16Na nkae no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wonni no nea ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiae ntamadan no adiwo na wonni.

17Wɔmmfa mmɔkaw mmfra nnto; wɔn kyɛfa a mede mama wɔn wɔ me gya afɔre mu ne no; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron, sɛ bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre.

18Aaron mma mu mmarima nyinaa nni; ɛnyɛ AWURADE gya afɔre horow ho daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu; obiara a ɔka no nyɛ kronkron.

19Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

20Eks 29 Eyi ne Aaron ne ne mma ayɛyɛde a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no, asikresam olonka abupɛn du mu biako nyɛ daa ayɛyɛde, anɔpa de fa na anwummere de fa.

21Wɔmfa ngo nkyew wɔ dadesanka mu; yɛ no nkyewa bra; yɛ no sɛ aduan afɔre a wɔatoto abubu mu asinasin bra, na enyi hua huamhuam mma AWURADE.

22Na ɔsɔfo a wɔbɛsra no ngo asi n'ananmu wɔ ne mma mu no na ɔnyɛ; ɛyɛ AWURADE daa ahyɛde; wɔnhyew no mu.

23Na ɔsɔfo no aduan afɔre nyinaa wɔnhyew no mu; wonnni bi.

Bɔne afɔre ho mmara

24Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

25Lew 4 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ Eyi ne bɔne ho afɔre ho mmara: Nea wokum ɔhyew afɔre aboa no, ɛhɔ ara na wonkum bɔne ho afɔre de no, AWURADE anim; akronkronne mu adekronkron ne no.

26Ɔsɔfo a ɔbɔ bɔne ho afɔre no na onni; nea ɛhɔ yɛ kronkron na wonni wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.

27Obiara a ɔka nam no nyɛ kronkron; na nea mogya no bi apete n'atade mu no nhoro nea ɛpetee mu no wɔ nea ɛhɔ yɛ kronkron.

28Na ahina a wɔnoae wɔ mu no, wɔmmɔ, na sɛ kɔbere sɛn mu na wɔnoae a, wontwiw mu na wɔmfa nsu nhohoro mu.

29Mmarima a wofi asɔfo abusua kuw mu nyinaa nni bi; ɛyɛ akronkronne mu adekronkron.

30Na bɔne ho afɔre a wɔde ne mogya no bi ba ahyiae ntamadan mu bɛpata wɔ kronkronbea hɔ nyinaa, wonnni; wɔmfa ogya nhyew.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help