Numeri 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Lewifo dodow ne wɔn asɛde

1 Eks 6.23 Na eyinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasae, Sinai bepɔw so no.

2Na eyinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, ne Abihu, Eleasar ne Itamar.

3Eyinom ne Aaron mma, asɔfo a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wonni asɔfo no din.

4Lew 10.1-2 Na Nadab ne Abihu wuwui, AWURADE anim, sɛ wɔde ananagya bi kɔɔ AWURADE anim, Sinai sare so no, na wɔannya mma; na Eleasar ne Itamar dii asɔfo wɔn agya Aaron anim.

5Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6Eks 32.29 Fa Lewi abusuakuw no bra, na fa wɔn begyina ɔsɔfo Aaron anim, na wɔnsom no,

7na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiae ntamadan no anim, tenabea no ho som mu,

8Deut 4 na wɔnhwɛ ahyiae ntamadan no mu nneɛma nyinaa so, nyɛ Israelfo nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu.

9Na fa Lewifo no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afi Israelfo mu.

10Num 1.51 Na Aaron ne ne mma no de, yi wɔn si hɔ na wonkura wɔn asɔfodi no mu; na ɔhɔho biara a otwiw bɛn ho no, wonkum no.

11Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12Deut 8.16; Eks 13.2 Na me de, hwɛ, mafa Lewifo no mafi Israelfo mu masi Israelfo mu mmakan a wobue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifo no ayɛ me dea.

13Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, efi onipa so kosi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.

14Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, Sinai sare so sɛ:

15Kan Lewi mma no sɛnea wɔn mpanyimfi ne wɔn mmusua te, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, kan wɔn.

16Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛnea ɔhyɛɛ no no.

17Eks 6.16-19 Na eyinom ne Lewi mma sɛ wɔn din te: Gerson, Kohat ne Merari.

18Na eyinom ne Gerson mma din, sɛ wɔn mmusuakuw te: Libni ne Simei.

19Na Kohat mma sɛ wɔn mmusua te ne: Amram ne Ishar, Hebron ne Usiel.

20Na Merari mma sɛ wɔn mmusua te ne: Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewi mmusua no sɛ wɔn mpanyimfi te.

21Gerson de ne Libni abusua ne Simei abusua; eyinom ne Gersonfo mmusua no.

22Wɔn mu wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn no si mpem nsɔn ne ahannum.

23Na Gersonfo mmusua yi, tenabea no akyi na wɔbɔɔ nsra wɔ atɔe fam.

24Na Gersonfo agya fi bapɔmma ne Lael ba Eliasaf.

25Na nea Gerson mma no nhwɛso wɔ, ahyiae ntamadan no, ne tenabea no ne ntamadan no, ne nkataso ne ahyiae ntamadan no ano nkataano no,

26ne adiwo no ho mmɔhɔɔ no ne adiwo a etwa tenabea no ne afɔremuka no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehama, ntamadan no ho adwuma nyinaa.

27Na Kohat de ne Amramfo abusua, Iseharfo abusua, Hebronfo abusua ne Usielfo abusua; eyinom ne Kohatfo mmusua no.

28Mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa dodow si mpemnwɔtwe ne ahansia wɔn na wɔyɛ kronkronbea so ahwɛfo no.

29Kohat mma no mmusua mmɔ nsra tenabea no nkyɛn, anafo fam.

30Lew 10.4 Na Kohatfo mmusua no agya fi bapɔmma ne Usiel ba Elisafan.

31Deut 7.9 Na nea wɔnhwɛ ne adaka no ɔpon no, kaneadua no afɔremuka no ne kronkronbea hɔ nneɛma a wɔde som no nyinaa ne mmɔhɔɔ no ne ɛho adwuma nyinaa.

32Na Lewi mmapɔmma mu panyin ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar, ɔne wɔn a wɔhwɛ kronkronbea no so no mu panyin.

33Merari de ne Mahli abusua ne Musi abusua; eyinom ne Merari mmusua no.

34Na wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa dodow si mpemnsia ne ahanu.

35Na Merari mmusua no agya fi bapɔmma ne Abihail ba Suriel. Tenabea no nkyɛn na wɔmmɔ wɔn nsra atifi fam.

36Na Merari mma hwɛ adwuma ne tenabea no ntaaboo ne ne mmeae ne n'adum ne ne nnyinaso ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɛho adwuma nyinaa,

37ne adiwo no ho adum a ehyia ho no ne ne nnyinaso ne ɛho mmofunnua ne ɛho ntampehama so.

38 Deut 3.10 Na wɔn a wɔmmɔ nsra, ahyiae ntamadan no anim, apuei no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔhwɛ kronkronbea no so ma Israelfo no; na ɔhɔho a otwiw bɛn no, wonkum no.

39Lewifo a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn sɛ wɔn mmusua te no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa si ɔpeduonu abien.

Lewifo gye mmakan

40Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ Kan Israelfo mu mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, na bu wɔn din dodow ano;

41na fa Lewifo ma me, mene AWURADE fa si Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifo afieboa, si Israelfo afieboa mmakan nyinaa ananmu.

42Na Mose kanee Israelfo mu mmakan nyinaa sɛnea AWURADE hyɛɛ no no.

43Na mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa din dodow, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te no ano si ɔpeduonu abien ne ahanu aduɔsɔn abiɛsa.

44Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

45Deut 3.12 Fa Lewifo si Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifo afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifo nyɛ me dea: Mene AWURADE.

46Num 3.39, 43 Na Israelfo mmakan mu nnipa ahanu aduɔsɔn abiɛsa a wɔboro Lewifo so no agyede de,

47gye obiara nnwetɛbona anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te na gye, gera aduonu nyɛ dwetɛbona biako;

48na fa dwetɛ a ɛyɛ wɔn a wɔboro wɔn so no agyede no ma Aaron ne ne mma.

49Na Mose gyigyee dwetɛ no wɔn a wɔboro wɔn a Lewifo gyee wɔn no so hɔ.

50Israelfo mmakan hɔ na ogyigyee dwetɛ no, apem ahasa aduosia anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te.

51Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no ti dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help