2 Timoteo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUPaulo nhoma a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no yɛ afotu a ɔde maa n’abofra Timoteo a ɔsan yɛ ne boafo no. Asɛm titiriw a ɛwɔ mu ne boasetɔ. Ɔtu Timoteo fo san hyɛ no den sɛnea ɔbɛkɔ so adi Yesu Kristo ho adanse nokware mu, na wakura nokware nkyerɛkyerɛ a ɛfa Asɛmpa no ne Apam Dedaw no ho mu. Ose: Ɔnyɛ n’asɛde sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔsɛmpakani wɔ ɔtaa ne amanehunu mu.Ade titiriw a ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ wɔ ho ne “nkwasea akyinnye ne biribi a ɔnnim ho akyinnye” a ɛmfa biribi pa biara mma, na mmom ɛsɛe wɔn a wɔtie no no.Ne nyinaa mu na ɔkyerɛwfo no kae Timoteo, ɔno ara n’abrabɔ ne ne botae nhwɛso — ne gyidi, n’abotare, ne dɔ, ne boasetɔ, n’amanehunu wɔ ɔtaa mu.EMU NSƐMMfitiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-2

Ayeyi ne afotusɛm 1.3—2.13

Afotusɛm ne kɔkɔbɔ 2.14—4.5

Paulo tebea mu 4.6-18

Awiei 4.19-22

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help