1 Petro NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUWɔkyerɛwee Petro nhoma a edi kan no kɔmaa Akristofo a ɛha yi wɔfrɛ wɔn “nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn,” na wɔabɔ ahwete wɔ Asia Kumaa atifi fam. Ne botae titiriw ne sɛ, ɔbɛhyɛ n’akenkanfo nkuran, wɔn a bere no mu, esiane wɔn gyidi nti wɔhuu amane wɔ ɔtaa mu. Ɔkyerɛwfo no kaa n’akenkanfo no asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho, nea ne wu, ne wusɔre mu ne bɔhyɛ a ɛfa ne mmae ho ma wɔn anidaso. Esiane eyinom nyinaa nti wɔnnya boasetɔ nnye ntom, mfa amanehunu mu. Wɔnnya awerɛhyɛm sɛ ɛyɛ nea wɔde resɔ wɔn gyidi mapa ahwɛ, na wɔbɛnya akatua “ɛda a Yesu Kristo beyi ne ho adi no” (1.7).Nea ɔkyerɛwfo no de ka ne nkuranhyɛ wɔ ɔhaw bere mu ho ne sɛ, ɔtuu wɔn fo sɛnea wɔbɛtena ase sɛ Kristo nkurɔfo.EMU NSƐMMfiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-2

Onyankopɔn nkwagye ho nkae 1.3-12

Kronkronyɛ ho afotu 1.13—2.10

Okristoni asɛde wɔ amanehunu bere mu 2.11—4.19

Okristoni ahobrɛase ne ne som 5.1-11

Awiei 5.12-14

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help