1Mereka no nokware Kristo mu, minni atoro, na m’ahonim nso redi me adanse Honhom Kronkron mu
2sɛ: Midi awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu.
3Eks 32.32 Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo,
4Eks 4.22; Deut 7.6; 14.1 na wɔyɛ Israelfo a abagye ne anuonyam ne apam horow ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ horow no yɛ wɔn de;
5Mat 1; Luka 3.23-34; Yoh 1.1 na agyanom no nso wɔ wɔn, na ɔhonam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wohyira no daa daa no fii wɔn mu bae. Amen.
6 Num 23.19; Rom 2.28 Na ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm no mu atu. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfo,
7Gye 21.12 nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefo nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo.
8Gal 4.23 Ɛne sɛ ɛnyɛ ɔhonam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wobu wɔn asefo.
9Gye 18.10 Efisɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afedan sesɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba.
10Gye 25.21 Na ɛnyɛ eyi nko, na Rebeka nso ne obiakofo a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛnee,
11na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,
12Gye 25.23 wosee no sɛ: Ɔpanyin no bɛsom akumaa no;
13Mal 1.2-3 sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Medɔɔ Yakob,
na metan Esau.
14 Deut 32.4 Enti afei yebese dɛn? So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn hɔ anaa? Dabida!
15Eks 33.19 Na osee Mose sɛ:
Nea mihu no mmɔbɔ no ara
na mehu no mmɔbɔ,
na nea me yam hyehye me ma no no ara
na me yam bɛhyehye me ama no.
16 Efe 2.8 Ɛnne na emfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no.
17Eks 9.16 Na kyerɛw no see Farao sɛ: Eyi ara nti na mama wo so sɛ meyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.
18Eks 4.21 Ɛnne na nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ na ɔma ne koma yɛ den.
Onyankopɔn abufuw ne n’ahummɔbɔ19Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Ɛdɛn na ɔda so nunu onipa? Na hena na obetumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asi?
20Yes 45.9 Ɛnne, onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? So annwene bese ɔnwemfo sɛ: Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?
21So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako ma no yɛ fɛ na ɔnwene foforo nso a ɛnyɛ fɛ?
22Rom 2.4 Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu,
23Efe 1.3-12; Rom 8.29 sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn?
24Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafo nko mu, na amanaman mu nso.
25 Hos 2.23 Sɛnea ɔka Hosea nhoma mu nso sɛ:
Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man”,
ne nea mannɔ no no ɔdɔfo;
26 Hos 1.10 na ɛbɛba sɛ faako a wosee wɔn sɛ:
Monyɛ me man no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn Teasefo no mma.
27 Yes 10.22-23; Rom 11.5 Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa;
28efisɛ Awurade bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa.
29Yes 1.9 Na sɛnea Yesaia aka asie no:
Sɛ Asafo Awurade annya mma amma yɛn a,
anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora.
Paulo mpae a ɔbɔ ma Israel30 Rom 10.20 Enti afei yebese dɛn? Amanaman mufo a wɔantiw trenee no anya trenee, nanso ɛyɛ trenee a efi gyidi mu;
31Rom 10.2-3 na Israel a wotiw trenee mmara no de, wɔanto trenee mmara no.
32Ɛdɛn ntia? Efisɛ wotiw no sɛ emfi gyidi mu, na mmom efi nnwuma mu; efisɛ wohintiw hintibo no,
33Yes 8.14; 28.16; Mat 21.42; 21.44 sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa,
ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ;
na obiara a obegye no adi no anim rengu ase.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.