Filemon NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUFilemon yɛ Kristoni a na ɔwɔ din pa ara. Ɔno na na ɔyɛ akoa bi a wɔfrɛ no Onesimo wura, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Kolose asafo no mu nipa. Ɛbae sɛ na akoa yi aguan afi ne wura nkyɛn, na kwan bi so no, ɔne Paulo a saa bere no na ɔda afiase no kɔhyiae. Ɛnam Paulo so maa Onesimo bɛyɛɛ Kristoni. Nhoma a Paulo kyerɛw kɔmaa Filemon no yɛ adesrɛ a ɔde pɛɛ ɔne n’akoa a ɔresoma no ne nkyɛn saa bere no nkabom. Ɔhwehwɛɛ sɛ, Filemon nnnye no nnto mu sɛ akoa a wɔde ne bɔne akyɛ no nko ara, na mmom sɛ onua Kristoni.EMU NSƐMMfitiase no nkyerɛkyerɛmu 1-3Filemon ayeyi 4-7Paulo srɛ ma Onesimo 8-22Awiei 23-25