1 2 Ah 22.1; 22.11-13; 23.3, 25 Yosia din te sɛ aduhuam mfrafrae a
aduhuam nimdefo de ne nimdeɛ ayɛ
Ɛyɛ dɛ sɛ ɛwo wɔ obiara anom,
na ɛte sɛ sanku nnwom wɔ nsa apontow ase.
2Ɔyɛɛ nea ɛfata de sakraa ne nkurɔfo,
na oyii amumɔyɛ akyiwade no fii hɔ.
3Ɔde ne koma maa Awurade;
na amumɔyɛ nna mu mpo, ɔhyɛɛ nyamesuro mu den.
Yeremia4Ahemfo no nyinaa yɛɛ bɔne akɛse pii
gye sɛ Dawid, Hesekia ne Yosia,
esiane sɛ wogyaw Ɔsorosoroni no ne mmara;
Yuda ahemfo no baa awiei.
5Wɔde wɔn tumi maa ananafo,
na wɔn anuonyam maa amanaman mufo
6 Yer 1.4-10; 39.8 a wɔtoo kurow kɛse a kronkronbea no wom no mu gya,
na wɔyɛɛ n'abɔnten amamfo,
sɛnea Yeremia kae no.
7Efisɛ wɔyɛɛ Yeremia bɔne;
nanso ɔwɔ yafunu mu mpo no, na wɔatew ne ho sɛ odiyifo,
sɛ ontutu na onnwiriw na ɔnsɛe,
na saa ara nso na onsisi na ɔntɛw.
Esekiel8 Hes 1.3-15; 14.14-20 Esekiel na ohuu anuonyam anisoadehu a,
Onyankopɔn yii kyerɛɛ no wɔ wim, a ɔyɛ ɔsoro abɔfo mpanyimfo Kerubim teaseɛnam.
9Efisɛ Onyankopɔn bɔɔ Hiob nso din,
nea ɔfaa kwan trenee so.
Nkɔmhyɛfo Dumien no10Adiyifo dumien no nnompe
mfa abrabɔ foforo mfi nea wɔwɔ hɔ mmra,
efisɛ wɔkyekyee Yakob nkurɔfo werɛ,
na wɔde anidaso a esi pi gyee wɔn.
Serubabel ne Yosua11 Esra 3.2; Hag 2.23 Yensi dɛn nkamfo Serubabel?
Na ɔte sɛ nsɔano pɛtea a ɔhyɛ nsa nifa,
12 Hag 1.1, 12 na saa ara nso na Yosadak ba barima Yosua te,
wɔn bere so na wosii dan no
na wɔsan sii Awurade asɔrefi kronkron no,
na ama n'anuonyam atena hɔ daa.
Nehemia13 Neh 6.15 Nehemia nso wɔ nkae daa;
ɔtoo yɛn afasu a ebubui no,
na osisii apon no bɔɔ ho ban,
na ɔsan sisii yɛn adan a ebubui no.
Yɛhwɛ nea abɛsen no14Kakraa bi na wɔbɔɔ wɔn sɛ Enok too asase yi so ha;
efisɛ wɔfaa no fii asase so kɔɔ soro.
15Na wɔnnwoo obiara a ɔte sɛ Yosef,
na ne nnompe mpo, wɔbɔɔ ho ban.
18Wɔhyɛɛ Sem ne Set anuonyam wɔ nnipa mu,
nanso Adam boro ɔteasefo biara a wɔabɔ no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
