Sirak 8 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Anidahɔ ne AdwenemtewWone ɔkatakyi nni asi,anyɛ a ne nsa bɛka wo.

2Wone asikafo nham,

bere a n’agyapade boro wo de so,

efisɛ sika ama ahemfo dodow no ara adwene asɛe.

3Mma w'ano nyɛ den wɔ anobaabae mu

na mfa gya ngu wɔn gya so.

4Nni obi a onni ntetew pa ho fɛw,

anyɛ a na wayeyaw wo nenanom.

5Nyaw obi a ɔredan afi bɔne ho;

na kae sɛ yɛn nyinaa fata asotwe.

6Mmu nea wanyin no animtiaa,

efisɛ yɛn mu binom renyim.

7Mma w'ani nnye wɔ obi wu ho;

na kae sɛ, yɛn nyinaa bewu.

8Nea animdefo aka ato hɔ no,

mmu no teta.

Mmom fa mu aba bɔ wo bra.

efisɛ emu no wobenya nkyerɛkyerɛ,

na wahu sɛnea wosi som ahenemma.

9Nea mpanyin aka ato hɔ no, ntow nkyene.

efisɛ wɔn nso sua fii wɔn agyanom hɔ;

na emu na wobenya ntease,

na wasua sɛnea wosi yi nsɛm ano bere pa mu.

10Nhyɛ ɔdebɔneyɛfo nkuran,

anyɛ a na ne bɔne no bi aka wo.

11Mma ɔhantanni nhyɛ wo so,

anyɛ a wobesum wo kasafiri.

12Mfa biribi mfɛm nea

ne ho yɛ den sen wo,

na sɛ nso wode biribi ma no a,

fa no sɛ ayera.

13Nni akagyinam a ɛboro wo so,

Na sɛ wudi akagyinam a,

siesie wo ho sɛ wobetua.

14Wo ne ɔtemmufo nni asɛm,

efisɛ ne gyinabea nti, wobebu no bem.

15Wo ne nea n'ani so nna hɔ ntu kwan,

na wɔbɛyɛ adesoa ama wo;

efisɛ wɔbɛyɛ nea wɔpɛ,

na wɔn nkwaseade nti,

wo ne wɔn nyinaa bɛyera.

16Wo ne nnipa a wɔn bo nkyɛ fuw nham,

na wo ne wɔn ntu kwan nkɔ akyiri,

efisɛ wonsuro mogya,

na bere a obiara nni hɔ no,

wɔbɛbɔ wo ahwe fam.

17Wone nkwaseafo ntu agyina,

efisɛ wontumi mfa asɛm nsie.

18Bere a ahɔho wɔ hɔ no, nyɛ biribi a wompɛ sɛ ebepue gua,

efisɛ wunnim nea wɔbɛka.

19Nka wo kokoam nsɛm nkyerɛ obiara,

anyɛ a w'anigye bɛyera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help