Habakuk 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

AWURADE atemmu

1Odiyifo Habakuk mpaebɔ, wɔ Shigionot so.

2AWURADE, mate wo nka na masuro;

AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn bere yi mu,

bere yi mu, na ma wonhu;

w’abufuhyew mu kae wo mmɔborohunu.

3

N’anuonyam kata ɔsoro,

na n’ayeyi yɛ asase so ma.

4Ne hyerɛn te sɛ owia hann,

nsesae wowɔ ne ho,

na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahintawee.

5Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim,

na ɔyare a ɛhyehye fi di ne nan ase.

6

Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔnten.

10

14Wode mpɛmɛ hwirew n’akofo tirim,

wotu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete,

wɔn anigye ne sɛ wɔbɛmene ɔbrɛfo ahintawee mu.

15Wode w’apɔnkɔ si po mu,

nsu pii a ehuru no mu.

Onyankopɔn ahoyi so ade

16Metee na me yafunum popoe,

m’ano saw biribiri, ɛnne no ho;

ɔporow hyɛn me nnompe mu, na m’ase popoe,

nanso mɛtena ase matwɛn ahohia da no,

mahwɛ asotwe a AWURADE de bɛma wɔn a wɔbɛtoaa yɛn no.

17Sɛ borɔdɔma rengu nhwiren,

na aba bi nni abobe so;

ngodua sow di huammɔ,

na mfuw mma aduan,

nguan to twa fi ban mu,

na nantwi bi nni adan mu mpo a.

18 Yes 61.10 Me de AWURADE mu na medi ahurusi,

me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu.

19 Nnw 18.33 ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden,

na ɔma m’anan yɛ sɛ aforote de,

na ɔma menantew sorɔnsorɔmmea.

Wɔmfa mma dwonkyerɛfo na wɔnto no m’asanku so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help