1 Mmb 13.1, 18 Nea ɔdɔ nteɛso dɔ nimdeɛ,
na nea ɔtan animka yɛ aboa.
2Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ,
na onipa busuyɛfo de, obu no fɔ.
3 Mmb 12.12 Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim,
na treneefo ntini renhim.
4 Mmb 31.10-31 Ɔyerepa yɛ ne kunu abotiri,
na nea ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔw.
5 1 Ah 12.6-19 Treneefo adwene teɛ,
na abɔnefo agyinatu yɛ nkontompo.
6Abɔnefo nsɛm yɛ mogyatɛw,
na teefo ano beyi wɔn.
7 Mmb 10.25; Hiob 8.13-19 Wobutuw abɔnefo, na wonni hɔ,
na treneefo fi begyina.
8Onipa nimdeɛ so na woyi no ayɛ,
na nea wakyea ne koma no anim begu ase.
9Nea wommu no nanso ɔwɔ akoa no ye
sen nea ɔhyehye ne ho na n’aduan bɔ no.
10 Eks 23.5 Ɔtreneeni nim n’afieboa kra,
na abɔnefo ayamye yɛ atirimmɔden.
11 Mmb 28.19 Nea ɔdɔw n’asase no didi mee,
na nea odi nsɛnhunu akyi nni ti.
12 Mmb 12.3 Ɔbɔnefo pɛ nea nnipa bɔne anya,
na treneefo ntini bɛsow aba.
13Ano mfomso yɛ afiri ma ɔbɔnefo,
na ɔtreneeni befi ahohia mu.
14 Rom 2.6 Onipa anom aba na ɔde bedi papa amee,
na onipa nsa ano ade na wɔbɛdan ama no.
15Ogyimifo kwan teɛ n’ani so,
na nea otie afotu yɛ onyansafo.
16Ogyimifo abohuru da adi ntɛm ara,
na onitefo kata aniwu so.
17Nea ɔka nokware no ka nea ɛteɛ,
na ɔdansekurumfo ne, nkontompo.
18 Mmb 13.3 Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe,
na onyansafo tɛkrɛma sa yare.
19Nokware ano tim hɔ daa,
na atoro tɛkrɛma nkyɛ koraa.
20Nnaadaa wɔ wɔn a wodwen bɔne koma mu,
na asomdwoe ho afotufo nya anigye.
21Mmusu biara rento ɔtreneeni,
na amane bɛhyɛ abɔnefo ma.
22 Mmb 6.17 AWURADE akyide ne atoro ano,
na wɔn a wodi nokware sɔ n’ani.
23 Mmb 29.11 Onipa nitewfo kora nimdeɛ so,
na nkwasea koma pae agyimisɛm mu.
24 Mmb 10.4 Nsiyɛfo nsa bedi panyin,
na anihaw nsa beyi tow.
25 Mmb 16.24 Onipa komam awerɛhow botow no,
na asɛmpa ma koma tɔ yam.
26Ɔtreneeni kyerɛ ne yɔnko kwan,
na abɔnefo kwan ma wɔfom.
27 Mmb 12.24 Onihawfo nsa nka ne hanam,
na nsiyɛfo nya onipa ade a ne bo yɛ den.
28Trenee kwan so na nkwa wɔ,
na akwatikwan de kɔ owu mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
