Yudit 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wohyia bɔ Israelfo ho pɔw bɔne

1Holoferne a ɔyɛ Asiria sahene no tee sɛ Israelfo ayɛ ɔko ho ahoboa, na wɔasisiw mmepɔw ntam akwan, na wɔabɔ nkoko atenten no nyinaa ho ban na wɔasisi akoban wɔ petee no mu no,

2ne bo fuw yiye. Na ɔfrɛfrɛɛ Moab mmapɔmma, ne Amon asahene, ne mpoano aman no so amradofo boaa ano.

3Afei osee wɔn sɛ: Mo Kanaanfo yi, monkyerɛ me, nnipa ko a wɔwɔ nkoko aman yi mu yi? Wɔtete nkurow bɛn mu? Wɔn asraafo ano si ahe? Wɔn tumi ne ahoɔden gyina dɛn so? Ɔhene bɛn na odi wɔn so na ɔde wɔn kɔ sa?

4Na dɛn nti na nnipa dodow a wɔtete atɔe fam no, wɔn nkutoo de, wɔampɛ sɛ wofi behyia me?

Akior anodisɛm

5Na Akior, Amonfo nyinaa dikanfo no, ka kyerɛɛ no sɛ: Me wura tie nea merebɛka yi, merebɛka nokwasɛm bi afa nnipa yi a wɔtete mmepɔw a ɛbɛn wo yi ho akyerɛ wo a atoro biara nni mu .

6Saa nkurɔfo yi yɛ Kaldeafo asefo.

7Mmere bi, na wɔwɔ Mesopotamia, efisɛ na wɔampɛ sɛ wɔbɛsom wɔn agyanom abosom a wɔwɔ Kaldea no.

8Esiane sɛ wɔtew wɔn ho fii wɔn nenanom akwan so, na wɔsom ɔsoro Nyankopɔn, a wohuu no nti, wɔpam wɔn fii wɔn abosom anim; na woguan baa Mesopotamia bɛtenaa hɔ mmere pii.

9Gye 11.31—12.5 Na wɔn Nyankopɔn no hyɛɛ wɔn sɛ wontu mfi beae a wɔwɔ no, na wɔnkɔ Kaanan asase so. Ɛhɔ na wɔtenae, dii yiye, nyaa sika, dwetɛ, ne anantwi pii.

10Gye 42.1-5; Eks 1.7 Bere a ɔkɔm baa Kaanan asase nyinaa so no, wɔkɔtenaa Misraim mfe pii. Wɔyɛɛ pii a na wontumi nkan wɔn.

11Eks 1.8-14 Ne saa nti Misraim hene no tanee wɔn ani, faa wɔn yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wotwaa ntayaa.

12Eks 7.1—12.46 Na wosu frɛɛ wɔn Nyankopɔn, na ɔde ɔyaredɔm a ano nni aduru haw Misraim asase sofo nyinaa; ne saa nti Misraimfo tuu wɔn fii wɔn asase so.

13Eks 14.21, 22 Na Onyankopɔn maa mmɛw po no yowee wɔ wɔn anim,

14na ɔde wɔn faa Sinai ne Kades-barnea fam, na otuu nkurɔfo a wɔtete sare no so no nyinaa fii wɔn anim.

15Nti wɔtenaa Amorifo asase so, na wɔde wɔn ahoɔden sɛe Hesbonfo nyinaa; na wɔtraa Yordan kɔtenaa mmepɔw no so.

16Na wotuu Kaananfo ne Perisfo ne Yebusifo ne Sekemfo ne Gergesfo nyinaa na wɔtenaa hɔ mmere pii.

17Mmere dodow a wɔamfom wɔn Nyankopɔn akwan no, wodii yiye, efisɛ wɔn Nyankopɔn a okyi bɔne no ka wɔn ho.

18Nanso sɛ wɔfom wɔn Nyankopɔn kwan a, wodi nkogu pa ara ɔko pii mu, ma wɔfa wɔn nnommum kɔ ananafo nsaase so; wɔn Nyankopɔn asɔrefi no, woburuw no gu fam, na wɔn atamfo gye wɔn nkurow tena mu.

19Na afei wɔasan aba wɔn Nyankopɔn hɔ, na wɔafi mmeae mmeae a wɔde wɔn petee no, na wɔabɛtena Yerusalem beae a wɔn kronkronbea no wɔ, na wɔakɔtenatena nkoko aman no mu, efisɛ na nnipa nte hɔ.

20Ne saa nti afei, me wura ne me panyin, sɛ saa nkurɔfo yi yɛ mfomso tia wɔn Nyankopɔn, na yehu wɔn mfomso no a, ɛnna yebetumi aka wɔn agu.

21Mmom sɛ wonnii mfomso bi de a, ɛno de me wura gyaa wɔn; efisɛ wɔn Awurade bɛko agye wɔn, na yɛn anim agu ase wɔ wiase nyinaa.

22Bere a Akior kaa asɛm yi wiei no, wɔn a wɔatwa ahyia ntamadan no ho no, fii ase sɛ wɔrekasa atia no. Holoferne asahene ne wɔn a wɔte mpoano aman no so, ne Moabfo no hyɛɛ ketee sɛ wonkum no.

23Na wɔkae sɛ: Yennsuro Israelfo no; wɔyɛ nkurɔfo a wonni ahoɔden anaa tumi a wɔde kɔ sa.

24Ne saa nti momma yɛnkɔ wɔn so, Owura Holoferne, na wo dɔm pii yi bedi wɔn so nkonim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help