1Bere a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so sɛ akannifo.
21 Be 6.28 N’abakan din de Yoel, na nea ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ akannifo wɔ Beer-seba.
3Deut 16.19 Na ne mma no de, wɔansɛ wɔn agya ɔkwan biara so, na wɔman kodii mfaso akyi, wogyigyee adammude, na wobubuu ntɛnkyew.
Israelfo hwehwɛ ɔhene4 1 Sa 7.17 Ɛnna Israel mpanyin nyinaa hyia baa Samuel nkyɛn wɔ Rama
5Deut 17.14; Hos 13.10; Aso 13.21 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na onni yɛn kan sɛ amanaman nyinaa te.
6Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkae sɛ: Ma yɛn ɔhene na onni yɛn kan no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpae.
7Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie nea ɔman no se ne nea wɔka kyerɛ wo no nyinaa, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene.
8Wɔn nneyɛe nyinaa fi da a miyii wɔn fii Misraim mebae de abedu nnɛ yi, sɛnea wɔagyaw me akɔsom anyame foforo no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.
9Enti tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, kyerɛ wɔn ɔhene a obedi wɔn so no apɛde.
10Na Samuel kaa AWURADE nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔmanfo a wobisaa no hɔ ɔhene no.
11Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔhene a obedi mo so no apɛde: Ɔbɛpaw mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ n’awɛnfo
12na ɔde wɔn asisi mpem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔw n’asase na wɔatwa ne nnɔbae, na wɔayɛ n’akode ne ne nteaseɛnam ho ade.
13Na ɔbɛfa mo mmabea ayɛ adufrafo, soodofo ne abodootofo.
14Na ɔbɛfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu nea eye de ama n’asomfo.
15Na obegye mo awifuw ne bobe nturo aba mu ntotoso du du de ama ne gyaasefo ne n’asomfo.
16Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmerante mu ahoɔdenfo, ne mo mfurum de ayɛ n’adwuma.
17Obegye mo nguan mu ntotoso du du. Na mobɛyɛ no nkoa.
18Na bere bi bɛba a, mo hene a moayi no adi mo so no nti, mubesu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua mo.
19Na ɔman no ampene sɛ wotie Samuel, na wɔkae sɛ: Dabi, na ɔhene ara na onni yɛn so,
20na yɛn nso nyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no nni yɛn anim nni ako mma yɛn.
21Na Samuel tee ɔman no nsɛm nyinaa no, ɔka guu AWURADE asom.
221 Sa 8.7, 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si ɔhene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: Obiara nkɔ ne kurom.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
