1 Yes 15; Yer 48 Sɛ AWURADE se ni:
Moab amumɔyɛ ntoatoaso nti
merennan n’asotwe no,
sɛ ɔhyew Edom hene nnompe
sɛ akadoo nti.
2Na mɛto Moab mu gya,
na ahyew Keriot aban dennen no,
na Moab bewu hooyɛ mu,
osebɔ ne torobɛnto nnyigyei mu.
3 Num 24.17 Na metwa emu temmufo no akyene,
na makunkum ne mmapɔmma nyinaa aka ne ho,
AWURADE na ose.
4Sɛ AWURADE se ni:
Yuda amumɔyɛ ntoatoaso nti
merennan n’asotwe no,
sɛ wɔapa AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛde so,
na wɔn atoro a wɔn agyanom dii akyiri no
ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.
5Na mɛto Yuda mu gya,
na ahyew Yerusalem aban dennen no.
6 Amos 8.6 Sɛ AWURADE se ni:
Israel amumɔyɛ ntoatoaso nti
merennan n’asotwe no,
sɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ,
na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.
7 Amos 8.4 Wɔn kɔn dɔ abrɛfo atifi dɔte mpo,
na wɔkyea amanehunufo kwan,
na obi ne n’agya kɔ ababaa koro ho,
sɛ wɔde rehura me din kronkron ho,
8 Eks 22.26 na wɔda awowa ntama so,
afɔremuka nyinaa nkyɛn mu,
na wɔnonnom wɔn a wɔadi wɔn kasa nsa,
wɔn anyame fi.
9 Num 21.21-28 Nanso mesɛee wɔn anim Amorini
a ne kɛse te sɛ nkyeneduru kɛse,
na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no,
na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase ntini no;
10na me nso miyii mo fii Misraim asase so,
na mede mo nantew sare so mfirihyia aduanan,
sɛ mommɛfa Amorini asase nni.
11 Num 6.2-13 Na memomaa mo mma binom so misisii adiyifo,
ne mo mmerante binom meyeyɛɛ ahotuafo.
So ɛnte sa, Israelfo?
AWURADE asɛm ni.
12 Amos 7.13, 16; Yer 11.21 Nanso momaa ahotuafo nsa nomee,
na mohyɛɛ adiyifo sɛ:
Monnhyɛ nkɔm!
13Hwɛ, me ara memia mo akɔ fam,
sɛnea teaseɛnam
a awi afiafi ayɛ no ma mia no.
14Na aguan bɛbɔ ɔhoɔharefo,
na ɔhoɔdenfo nso ahoɔden abɔ no,
na dɔmmarima rennye ne ho nkwa.
15Na ɔtakurafo rennyina,
na nea ne nan yɛ hare remfi mu,
na ɔpɔnkɔsotefo rennye ne ho nkwa.
16Na nnɔmmarima mu kokodurufo
de adagyaw beguan ɛda no,
AWURADE asɛm ni.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
