Asomafo 20 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Paulo wɔ Makedonia Hela

1Na gyegyeegye no gyaee no, Paulo frɛɛ asuafo no baa ne nkyɛn, na otuu wɔn fo kraa wɔn fii hɔ sɛ ɔrekɔ Makedonia.

2Na ɔkɔfaa hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.

3Na odii hɔ asram abiɛsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, Yudafo retɛw no nti, ɔpatuw san bɛfaa Makedonia.

4Aso 17.10; 19.29 Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafo Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafo Tikiko ne Trofimo ka ne ho.

5Aso 16.8 Eyinom dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa.

6Na yɛn nso, Apiti nna twaam no, yefii Filipi faa nsu ani, na yɛde nnannum beduu wɔn nkyɛn Troa; ɛhɔ na yedii nnansɔn.

Paulo ne Troas asɔremma di nkra

7 1 Ko 16.2; Aso 2.42; 2.46 Na nnawɔtwe mu da a edi kan no a yehyiae sɛ yɛrebubu abodoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ ade kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kosii ɔdasum.

8Na akanea bebree wɔ abansoro no so faako a yɛahyiam hɔ.

9Na aberante bi a ne din de Eutiko te mfɛnsere ano ada hatee, na esiane sɛ Paulo kasa kyɛe nti, ɔtɔɔ nko fii abansoro a ɛto so abiɛsa no so hwee ase, na wɔmaa no so no, na wawu.

101 Ah 17.21 Na Paulo sian kobutuw no so, na ɔyɛɛ no atuu kae sɛ: Monnhaw mo ho, na nkwa da so wɔ ne mu.

11Na ɔforo bae, na obubuu abodoo na odii no, ɔtoaa so kasae ara kosii adekyee, na ofii hɔ kɔe.

12Na wɔde abofra no bae anikan, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekye kɛse.

Paulo fi Troas kɔ Mileto

13Na yedii kan kɔɔ hyɛn mu faa nsu ani kɔɔ Aso sɛ yɛkɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛnea ɔhyehyɛe ne no, efisɛ ɔkae sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ.

14Na ɔne yɛn hyiae Aso no, yɛfaa no, na yɛbaa Mitilene.

15Na yetu fii hɔ, na ade kyee no, yebeduu Kio ntentenso; na n’adekyee bio no, yebeduu Samo; na n’adekyee no, yeduu Mileto.

16Aso 18.21 Na Paulo aka sɛ obetwa Efeso ho, na wankɔkyɛ Asia; efisɛ ɔpɛ ntɛm, na sɛ obetumi a, wɔakodu Yerusalem Pentekoste da.

Paulo ne Efeso mpanyimfo di nkra

17Na ofi Mileto soma kɔɔ Efeso kohyiaa asafo no mu mpanyimfo.

18Aso 18.19; 19.10 Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenae bere no nyinaa mu,

19na mede ahobrɛase adwene nyinaa ne nusu pii ne sɔhwɛ a ɛbaa me so Yudafo pɔw bɔne a wɔbɔɔ me ho mu mesom Awurade.

20Na mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu,

21na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.

22 Aso 19.21 Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na minnim nea ɛbɛto me wɔ hɔ,

23Aso 9.16; 21.4; 21.11 gye sɛ Honhom Kronkron di me adanse nkurow nyinaa mu ka sɛ ɔkyere ne amane twɛn me.

24Aso 21.13 Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.

25Na afei, hwɛ, minim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahenni no ho asɛm no nyinaa renhu m’anim bio.

26Aso 18.6 Enti nnɛ midi mo adanse sɛ me ho afi mo nyinaa mogya ho;

27efisɛ mansiw biribiara so, sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo.

281 Tim 4.16; 1 Pe 5.2 Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.

29Mat 7.15 Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so.

30Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.

31Enti monwɛn, monkae sɛ mfirihyia abiɛsa ni, anadwo ne awia, minnyaee mo mu biara afotu wɔ nusu mu da.

32Na afei de, mede mo mehyɛ Nyankopɔn nsa ne n'adom asɛm mu; ɔno na obetumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapade wɔn a wɔatew wɔn ho nyinaa mu.

33Mat 10.8; 1 Ko 9.12; 1 Sa 12.3 M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atade.

34Aso 18.3; 1 Ko 4.12; 1 Te 2.9 Mo ankasa munim sɛ, nea ehiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, nsa yi ano adwuma na mede minyae.

35Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.

36Aso 21.5 Na ɔkaa saa no, ɔkotow ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpae.

37Na wɔn nyinaa sui pii, na wosusoo Paulo kɔn few n’ano.

38Aso 20.25 Na nea ɛyɛɛ wɔn yaw bebree, ne asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu n’anim bio no. Na wokogyaa no hyɛn no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help