Nnwom 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn boa a ɛmma ntɛm no ho nkɔmmɔdiWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1 Nnw 77.7; Hab 1.2 Ao! AWURADE, enkosi da bɛn?

Wo were befi me daa?

Wode w’ani behintaw me akosi da bɛn?

2Enkosi da bɛn na minni me kra mu yaw,

na ade kye a, awerɛhow ntena me komam?

Me tamfo nhoran me so nkosi da bɛn?

3Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn,

tew m’ani, na manna owu nna,

4na me tamfo anka sɛ: Matumi no,

na sɛ mihim a, m’ahohiahiafo anni ahurusi.

5Na me de, m’ani da w’adɔe so,

me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi,

6 Nnw 9.14 mɛto AWURADE dwom

sɛ ɔne me adi no yiye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help