2 Ahene 11 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Atalia ahenni ne ne wu(2 Berɛsosɛm 22.10—23.15)

1 2 Ah 8.26; 9.27 Na Ahasia ne na Atalia hui sɛ ne ba awu no, ɔsɔree na okunkum ahenni no asefo nyinaa.2 Be 22.10—23.21

2Na ɔhene Yoram babea Yehoseba, Ahasia ne nuabea, faa Ahasia ba Yoas na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu de no ne ne gyigyefo kɔɔ pia mu, na wɔde no hintaw fii Atalia anim na wɔankum no.

3Na ɔne no hintaw AWURADE fi mfe asia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.

4Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada soma kɔfaa Karifo ne ammirikatufo no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fi, na ɔne wɔn pamee, na ɔma wɔkekaa ntam AWURADE fi, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.

5Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Ade a monyɛ ni: Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu biako mmra mo dibea homeda, na mommɛwɛn ɔhene fi,

6na nkyɛmu biako ntena Sur pon ano, na nkyɛmu biako nso ntena ammirikatufo akyi pon no ano; na monwɛn ofi no mmɔ ho ban.

7Na mo mu asafokuw abien, wɔn a wofi wɔn dibea so homeda no nyinaa nwɛn AWURADE fi no, ɔhene ho.

8Na muntwa ɔhene no ho nhyia, munkurakura mo akode; na nea ɔbɛba nkyerɛpɛn no mu no, wonkum no; na montena ɔhene ho, n’adifi ne ne muba mu.

9Na asafohene no yɛe sɛnea ɔsɔfo Yehoiada hyɛe no nyinaa, na wɔfofaa wɔn nnipa a wɔbaa wɔn dibea so homeda ne wɔn a wofii mu homeda no, na wɔbaa ɔsɔfo Yehoiada nkyɛn.

102 Sa 8.7 Na ɔsɔfo no de ɔhene Dawid mpeaw ne akyɛm a ɛwɔ AWURADE fi no momaa asafohene no.

11Na awenfo no gyinagyina hɔ kurakura wɔn akode, efi ɔdan no nifa twea so kosi ɔdan no benkum twea so, afɔremuka no ho ne ɔdan no ho, atwa ɔhene no ho ahyia.

12Deut 17.18-19 Na oyii ɔhene ba no fii adi, na ɔde ahemmotiri no bɔɔ ne ti, na ɔde adanse no hyɛɛ ne nsa, na wosii no hene, na wɔsraa no, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

13Ɛnna Atalia tee awɛmfo ne ɔman no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfo no nkyɛn AWURADE fi;

14na obehui, na hwɛ, ɔhene no gyina sumpii no so sɛnea amanne no te, na asafohene no ne ntorobɛntohyɛnfo wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfo no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntade mu, na ɔteɛɛm sɛ: Atirisopam, atirisopam?

15Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no so no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi no mfa nkyerɛpɛn no mu mfi, na nea obedi n’akyi no, momfa nkrante nkum no. Na ɔsɔfo no kae sɛ: Wonnkum no AWURADE fi.

16Neh 3.28 Enti wosoo no mu de no kɔfaa ɔkwan a apɔnkɔ nam so ba ahemfi no so, na wokum no hɔ.

17Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnnyɛ AWURADE man, na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam.

182 Ah 10.26-27; Ate 6.25 Ɛnna asase no so nkurɔfo nyinaa kɔɔ Baal fi koburuw n’afɔremuka ne n’ahoni no, wobubuu no pasaa, na Baal sɔfo Matan nso, wokum no afɔremuka no anim. Na ɔsɔfo no de awɛmfo sisii AWURADE fi no ho.

19Na ɔfaa ɔha ha so safohene ne Karifo ne awɛmfo ne asase no so nkurɔfo nyinaa, na wɔde ɔhene no fii AWURADE fi san bɛfaa ammirikatufo pon ano kwan so baa ɔhene fi, na ɔtenaa ahengua no so.

20Na asase no so nkurɔfo nyinaa ani gyei, na kurow no mu dwoe; na Atalia de, wɔde nkrante kum no ɔhene fi hɔ.

21Yoas bedii hene no, na wadi mfirihyia ason.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help