Nnwom 111 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn nnepa ho ayeyi

1Munyi AWURADE ayɛ!

Mede me koma nyinaa mɛkamfo AWURADE,

treneefo guabɔ ne asafo mu.

2 Nnw 104.24 AWURADE nneyɛe yɛ akɛse,

wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyi kwan.

3N’adwuma yɛ nidi ne anuonyam,

na ne trenee gyina hɔ daa.

4Wama wɔakae n’anwonwade,

ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE.

5 Nnw 145.15 Ɔma wɔn a wosuro no didi mee,

ɔkae n’apam daapem.

6Wayi ne nneyɛe tumi akyerɛ ne man

de amanaman agyapade ama wɔn.

7Ne nsa ano nneyɛe yɛ nokware ne atemmu,

n’ahyɛde nyinaa tim hɔ pintinn.

8Etintim hɔ daa daa,

wɔayɛ no nokware ne tee mu.

9Wasoma ogye abrɛ ne man,

wahyɛ n’apam de kosi daa,

ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.

10 Mmb 1.7 Nyansa mfiase ne AWURADE suro,

ɛyɛ nimdeɛ pa ma wɔn a wodi so nyinaa;

n’ayeyi gyina hɔ daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help