1Nea ɔdɔ ne ba no, ɔbɛteɛ no mpɛn pii,
ama n'ani agye wɔ bere a wanyin no.
2Nea ɔhwɛ ne ba no, benya ne ho mfaso,
na ɔde no bɛhoahoa ne ho wɔ ne mfɛfo mu.
3Nea ɔkyerɛkyerɛ ne ba no ma n’atamfo ani bere no,
na ɔde no bɛhyɛ ne ho anuonyam wɔ ne mfɛfo anim.
4Bere a n'agya bewu no, ɛbɛyɛ sɛ onwui,
esiane sɛ wagyaw obi wɔ n'akyi a ɔte sɛ ɔno ara,
5a bere a ɔte ase no, ɔde anigye suaa n'abrabɔ,
enti bere a owui no, na ɛnyɛ yaw;
6Wagyaw obi wɔ n’akyi a ɔbɛtɔ n’atamfo so were,
ne nea ɔbɛyɛ biribi ahyɛ n’adɔfo papa a wɔyɛɛ no no anan mu.
7Nea ɔbɛsɛe ne ba no, ɔbɛkyekyere n’akuru,
na ne yam bɛhyehye no bere biara a obesu.
8Ɔpɔnkɔ a ɔda hama mu no, tumi yɛ ahantan,
na ɔba a wɔma ɔyɛ nea ɔno ara pɛ no dan ɔsoɔdenfo.
9Ma abofra nni bakomasɛm, na ɔbɛhaw wo;
wo ne no nni agoru, na ɔbɛhow wo werɛ.
10Wo ne no nsereserew, anyɛ a wubedi ne ho yaw
na awiei no wobɛtwerɛw wo se.
11Mma no ahofadi biara ne mmerantebere mu
na mmu w’ani ngu ne mfomso so.
12Brɛ no ase, wɔ ne mmerantebere mu,
na bobɔ ne srɛ ho bere a osua no,
anyɛ a na wasorow na wantie w’asɛm,
na ne nti wo kra werɛ bɛhow.
13Tete wo ba na ma no adwumaden,
sɛnea worenni yaw, na ɔrennyɛ ɔhaw mma wo.
Apɔmuden14Ohiani a ɔte apɔw na ɔkɔ ba no,
oye sen asikafo a wɔte yaw wɔ wɔn were mu.
15Ahoɔden ne ahokeka ye sen sika kɔkɔɔ,
na ɔhonamden ye sen ahonya pii.
16Ahonya biara nsen ɔhonamden da
na anigye biara nni hɔ a ɛsen komam ahotɔ.
17Owu ye sen asetena mu mmɔborɔyɛ,
na ahome a enni awiei ye sen yare a n’ase ntu da.
18Nneɛma pa pii pue fi nnipa komm anom,
te sɛ aduan a wɔde abɔ afɔre asi ɔda so.
19Mfaso bɛn na ɛwɔ ɔbosom afɔrebɔ ho?
Efisɛ onnidi na ɔnhome nso;
Saa ara na nea Awurade atwe n'aso no te;
20Ɔde n’aniwa hu na osi apini
sɛnea oyitotoni si apini
wɔ ababaa a ɔreyɛ no atuu ho.
Anigye ne Awerɛhow21 Ɔsɛ 11.9, 10 Nnyaa wo ho mma awerɛhow,
na nhyɛda nhyɛ wo ho awerɛhow.
22Komam ahotɔ bra, ne abrabɔ no ankasa
ma onipa anigye na ɛma no nkwa tenten.
23Ma wo kra ho nsɛpɛw no, na ka wo koma to wo yam,
na yi awerɛhow fi wo komam koraa,
efisɛ awerɛhow asɛe nnipa pii,
a mfaso biara amma ho.
24Ninkuntwe ne abufuw twa nkwa so,
na kɔdaanna de onyin ba ntɛm.
25Onipa a ɔwɔ anigye ne koma pa no,
benya n’aduan a odi ho mfaso.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
