Nnwom 31 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ahotoso dwomWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1Wo, AWURADE, na maguan matoa wo,

mma m’anim nngu ase da biara da.

Fa wo trenee so gye me,

2 Nnw 18.2 yɛ aso ma me,

yɛ ntɛm gye me.

Yɛ me guankɔbea botan,

ne srɔnsrɔn so aban sɛ wubegye me nkwa.

3 Nnw 23.3 Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn,

na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakogya me.

4 Nnw 25.15 Wubeyi me afi afiri a wɔahintaw asum me no mu,

na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.

5 Luka 23.46 Wo nsam na mede me honhom mehyɛ;

AWURADE, nokware Nyankopɔn, woagye me.

6Metan wɔn a wodi atoro ahuhude akyi,

na me de, mebata AWURADE ho.

7Medi ahurusi, na m’ani agye w’adɔe ho,

sɛ woahwɛ m’amanehunu,

na woahu me kra ahohia.

8 Nnw 18.36 Na woanyi me anhyɛ ɔtamfo nsa,

wode m’anan agyina nea ɛtrɛw.

9 Nnw 6.7 AWURADE, hu me mmɔbɔ,

na me ho hia me.

Awerɛhow ama m’aniwa ne me kra

ne me honam atwintwam.

10Na me nkwa ahwere ɛyaw mu,

na me mfe ahwere ahomegu mu.

M’amumɔyɛ nti m’ahoɔden so ahuan,

na me nnompe agurow.

11 Nnw 69.10-12 M’ahohiahiafo nyinaa nti mayɛ ɔhohorafo,

na mayɛ me ho tefo so duru,

na m’amannifo suro me,

wɔn a mifi adi a wohu me guan me.

12Nnipa werɛ afi me sɛ owufo,

mayɛ sɛ ade a wɔtow kyene.

13 Yer 20.10; 46.5 Na mete nnipa bebree nsekudi,

ahude atwa me ho ahyia,

sɛ me ho agyina a wɔakɔ no mu

wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛsɛe me kra.

14Na me de, wo, AWURADE, so na mede me ho mato.

Mise: Wone me Nyankopɔn.

15 Nnw 139.16 Wo nsam na me mmere wɔ,

gye me m’atamfo ne m’ataafo nsam.

16 Num 6.25; Nnw 80.3 Tew w’anim kyerɛ w’akoa,

fa w’adɔe so gye me nkwa.

17AWURADE, mma m’anim nngu ase,

na misu mefrɛ wo.

Ma abɔnefo anim ngu ase,

na wɔntotɔ mum Asamando.

18Ma atorofo ano mmua,

wɔn a wɔka ɔtreneeni ho nsɛm a ɛyɛ den,

ahokyerɛ ne aniammɔnho mu no.

19Wo papa a wode asie ama wɔn a wosuro wo no

sɛnea esi so fa!

Ɛno na wuyi kyerɛ wɔn a woguan bɛtoa wo no, nnipa anim.

20 Nnw 27.5 Wode w’anim bɔ wɔn ho ban

de wɔn hintaw fi nnipa a wɔabɔ tukuw anim,

wode wɔn sie ɔsese mu

fi tɛkrɛma birebire ho.

21 Nnw 17.7 Nhyira ne AWURADE

sɛ wama n’adɔe ayɛ nwonwa ama me,

kurow a ahohiahia wɔ mu.

22 Nnw 116.11 Nso me de, misee m’ahoyeraw mu sɛ:

Wɔatwa me afi w’ani so.

Nanso misu mefrɛɛ wo no,

wotee me nkotɔsrɛ.

23Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefo nyinaa.

AWURADE hwɛ wɔn a wodi nokware so,

na otua nea odi ahantansɛm no ka a ɛboro so.

24 Nnw 27.14 Monhyɛ mo ho den na mumpirim mo bo,

mo a motwɛn AWURADE nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help