Yesaia NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUWɔde saa nhoma yi too Odiyifo Yesaia. Ɔyɛ odiyifo kunini bi a ɔtenaa ase wɔ Yerusalem mfe ahanwɔtwe no mu, ansa na wɔwoo Yesu Kristo. Odiyifo Yesaia nhoma yi wɔ nkyekyɛmu atitiriw ahorow abiɛsa.Efi ti 1—39 yɛ bere a na Ɔman Yuda a ɛyɛ Anafo ahemman no wɔ ateetee kɛse mu. Saa ateetee yi fi Ɔman Asiriafo akokodurufo a wɔbɛn Yudafo no pɛɛ mu na ɛba. Odiyifo Yesaia huu ateetee yi sɛ emfi Asiriafo no tumi mu kɛkɛ. Mmom Yudafo no ankasa bɔne, wɔn asoɔden, ne gyidi a wonni wɔ Nyankopɔn mu no so asotwe nso ka ho bi. Odiyifo no kasaa pefee nam ne nneyɛe bi so tuu ɔmanfo no ne wɔn adikanfo no fo sɛ: Ɔbra pa, ne atɛntrenee ho hia. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ, Onyankopɔn asɛm ho asoɔden de ɔhaw ne ɔsɛe ba. Odiyifo Yesaia hyɛɛ wiase nyinaa asomdwoe ne Dawid aseni a ɔreba abɛyɛ ɔhenkɛse no ho nkɔm.Ti 40—55 fi bere a Yudafo no mu dodow ara wɔ otukɔ mu wɔ Babel. Saa bere no na wɔn abasa mu agow na wɔn anidaso asa. Odiyifo no hyɛɛ nkɔm sɛ, Onyankopɔn bɛma ne nkurɔfo fawohodi. Wɔbɛsan aba fie wɔ Yerusalem abɛhyɛ ɔbra foforo ase. Botae titiriw a ɛwɔ saa ɔfa yi mu ne sɛ, Onyankopɔn wɔ hɔ fi tete. Ɔwɔ botae ma ne nkurɔfo, ne aman nyinaa, na ɔbɛfa ɔman Israel so ahyira wɔn. Kasapɛn a ɛfa Onyankopɔn akoa ho no yɛ apam dedaw mu asɛntitiriw no bi.Efi ti 56—66 no, fa kɛse no ara ka bere a nnipa no fi otukɔ mu aba. Na wohia nkuranhyɛ sɛ Onyankopɔn bedi ne bɔhyɛ so. Odiyifo no sii nsɛm bi so dua sɛ ɔbra pa, atɛntrenee, homedadi, afɔrebɔ ne mpaebɔ ho hia. Ti 61.1-2 ho hia pii. Ɛno na Yesu ka de fii ne dwumadi ase wɔ asase yi so. Ɔde kyerɛɛ ɔfrɛ ko a Agya no de afrɛ no.EMU NSƐMKɔkɔbɔ ne bɔhyɛ ahorow 1.1—12.6Aman horow no asotwe 13.1—23.18Onyankopɔn bebu wiase nyinaa ntɛn 24.1—27.13Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ ahorow bi bio 28.1—35.10Ɔhene Hesekia a ofi Yuda ne Asiriafo mu no 36.1—39.8Bɔhyɛ ne anidaso nsɛm 40.1—55.13Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ nsɛm 56.1—66.24