Hesekiel 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Kerubim ntease ɛnam

1 Hes 1.22, 26 Na mihui, na hwɛ, ntrɛwmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoabo a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahengua sɛso.

2Hes 9.2; Adi 8.5 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Kɔ nkyimii no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma fi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam amaama, na fa pete kurow no so.

Na ɔkɔɔ mu m’anim.

3Nso ɔbarima no kɔɔ mu no, na Kerubim no gyinagyina ɔdan no nifa so, na omununkum no ayɛ emu fam abangua no so ma.

4Hes 1.4-28; Yes 6.4 Ɛnna AWURADE anuonyam no maa ne ho so fii Kerub no so kɔɔ ɔdan no apongua atifi, na omununkum no hyɛɛ ɔdan no ma, na AWURADE anuonyam hyerɛn hyɛɛ abangua no so ma.

5Na wɔtee Kerubim no ntaban mu gyigye no kosii ɛho fam abangua no so, sɛ Onyankopɔn Tumfo a ɔrekasa no nne.

6Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Fa ogya fi nkyimii no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kogyinaa nkyimii no ho.

7Na Kerub no teɛɛ ne nsa fii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu nea ɔhyɛ nwera no nsam, na ogyei de fii adi.

8Na wohuu onipa nsa sɛso, Kerubim no ho, wɔn ntaban ase.

9 Hes 1.15-16 Na mihui, na hwɛ, nkyimii anan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimii biako wowɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimii no ani te sɛ sikaberebo ani.

10Na anan no nyinaa suban yɛ su koro, te sɛnea nkyimii hyɛ nkyimii mu.

11Ɛnantew a, ɛnam n’afanan so, ɛnnan ne nantew mu, na nea eti no hwɛ no, edi akyiri sa; ɛnnan ne nantew mu;

12na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimii no, aniwa ayeyɛ ɛho amaama atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimii.

13Nkyimii no, m’asom na wɔtoo no din sɛ: Kyinhyia mframa.

14Na wɔwowɔ anim anan anan; nea odi kan no anim yɛ Kerub no de, na nea otia abien no anim yɛ onipa anim, na nea ɔto so abiɛsa no de yɛ gyata anim, na nea ɔto so anan no de yɛ ɔkɔre anim.

15Na Kerubim no momaa wɔn ho so. Ɛne ɔteasefo a mihuu no asu Kebar ho no.

16Na Kerubim no nantew a, nkyimii no siane wɔn; na Kerubim no moma wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afi asase so a, nkyimii no nso nnan mfi wɔn nkyɛn mu;

17sɛ wogyina a, ɛnonom nso gyina, na sɛ wɔmoma wɔn ho so a, ɛnonom nso moma ne ho so, efisɛ ɔteasefo no honhom wɔ mu.

18Ɛnna AWURADE anuonyam fii ɔdan no pon ano kogyinaa Kerub no so;

19Hes 10.1 na Kerubim no momaa wɔn ntaban so, na wɔmomaa wɔn ho so fii asase so, m’anim, sɛ wɔrefi adi, na nkyimii no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wokogyinaa AWURADE fi apuei fam ponkɛse no ano, na Israel Nyankopɔn anuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro.

20Ɛne ɔteasefo a mihuu no Israel Nyankopɔn ase, asu Kebar ho no, na mihui sɛ ɛyɛ Kerubim.

21Obiara wɔ anim anan anan, na obiara wɔ ntaban anan anan, na onipa nsa sɛso wowɔ wɔn ntaban no ase.

22Na wɔn anim sɛso ne anim a mihui, asu Kebar ho no, wɔn su ne wɔn ban nyinaa; wɔn nyinaa nantew kɔ wɔn anim tee.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help