Yeremia 33 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wogye wɔn fi Babel nsam

1 Yer 32.2 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn tiaa abien, bere a ɔda so da duam awɛmfo abangua mu hɔ no, sɛ:

2Sɛɛ na AWURADE a ɔyɛ ade yi, AWURADE a osiesie ma esi hɔ no a AWURADE ne ne din no se:

3Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunhui ɛ.

4Yes 22.10 Na sɛɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn no ka kurow yi mu adan ne Yuda ahene adan a mpempe ne afoa nti woburuwii no ho:

5Wɔreba ne Kaldeafo abɛko, na wɔde nnipa a mikum wɔn m’abufuw ne me yamgya mu na wɔn bɔne nyinaa nti mede m’ani mahintaw ɔman yi no afunu abɛhyehyɛ hɔ amaama.

6Hwɛ, me ara mede ade ne nnuru mɛkyekye ne kuru so, na masa wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn.

7Yer 29.14; 30.3 Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum mɛsan aba bio, na mede wɔn masi hɔ sɛ kan no,

8Yer 31.34 na mɛtew wɔn ho afi wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no mafiri wɔn.

9Na bɛyɛ me ahosan din, ayeyi ne anuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yiye a mereyɛ wɔn no nyinaa no nyinaa mu, na wɔn koma betu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoede nyinaa a mɛyɛ mama no no ho.

10Sɛ AWURADE se ni: Ɛha yi a moka sɛ asɛe a onipa ne aboa nni hɔ bio, Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn a ɛdeda mpan a onipa ne okuroni ne aboa biara nni so no so,

11Yer 7.34; Nnw 106.1; Esra 3.11 na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne, ne ayeforo nne, ne nnwontofo nne bere a wɔde aseda afɔre ba AWURADE fi no na wɔka sɛ:

Monkamfo asafo AWURADE,

na AWURADE oye

na n’adɔe wɔ hɔ daa.

Na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, AWURADE na ose.

12Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɛha yi a asɛe a onipa ne aboa nni mu no ne ɛso nkurow nyinaa mu na ɛbɛdan nguanhwɛfo a wɔma wɔn nguan butubutuw hɔ no adidibea bio,

13Yer 32.44 mmepɔw so nkurow, Sefela nkurow ne Negeb nkurow mu, ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkurow mu na nguan bɛfa ɔkanfo nsa ase atwam bio, AWURADE na ose.

Dawid daakye aseni

14Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma asɛmpa a mekae Israel fi ne Yuda fi ho no abam.

15Yer 23.5; Yes 4.2 Nna no mu ne bere no so na mɛma trenee baa afefɛw ama Dawid, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.

16Yer 23.6; Deut 33.28 Nna no mu na wobegye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na nea wɔde bɛfrɛ no ni: AWURADE yɛn trenee.

17 2 Sa 7.12; 1 Ah 9.5 Na sɛ AWURADE se ni: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fi agua so remmɔ Dawid da.

18Na asɔfo, Lewifo no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre na wahyew aduan ayɛyɛde na wabɔ okum afɔre nna nyinaa remmɔ wɔn m’anim.

Onyankopɔn daa apam

19Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

20Yer 31.35-36 Sɛ AWURADE se ni: Sɛ mubetumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne bere mu a,

21ɛno ansa na wobebubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtena n’agua so adi hene, ne me ne Lewifo, asɔfo a wɔyɛ m’asomfo no, de no nso.

22Gye 15.5; 22.17 Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔyɛ m’asomfo no adɔ.

23Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

24So wunhuu nea ɔman yi reka sɛ: Mmusua abien a AWURADE pawee no, wapa wɔn, no anaa? Na wobu me man animtiaa, sɛ wɔnnyɛ, wɔn ani so ɔman bio.

25Yer 33.20 Sɛ AWURADE se ni: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛde no a,

26Yer 32.44 ɛno ansa na mɛpa Yakob asefo ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefo mu nnipa a wobedi Abraham ne Isak ne Yakob asefo so; na mede wɔn nnommum mɛsan maba, na mahu wɔn mmɔbɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help