Sirak 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Bɔne ahorow

1Me ba woayɛ bɔne pɛn?

Nyɛ saa bio,

mmom srɛ bɔnefakyɛ

wɔ bɔne a woyɛe no ho.

2Guan fi bɔne ho sɛ woreguan afi ɔwɔ ho;

Efisɛ wobɛn bɔne a, ɛbɛsɛe wo.

Bɔne se te sɛ gyata se,

na ebetumi asɛe nnipa bra!

3Mmarato nyinaa te sɛ nkrante anofanu;

n'apirakuru nni aduru.

4Ehu ne ahantan sɛe ahonya;

ne saa nti ahantanfo fi, bɛdan amanfo .

5Ahiafo mpaebɔ fi wɔn anom a

ɛkɔ Onyankopɔn asom,

na n’atemmu ba ntɛm so.

6Wɔn a wokyi animka no,

nantew abɔnefo kwan so.

Nanso wɔn a wosuro Awurade no

nu wɔn ho, wɔn komam.

7Nea tumi wɔ n’asɛnka mu no

wonim no wɔ baabiara

mmom odi mfomso a

onimdefo hu.

8Nea ɔde ebinom sika si ne dan no,

te sɛ obi a ɔtase abo boaboa ano

ma wɔde tow n’asiei da.

9Amumɔyɛfo nhyiam te sɛ

hama nteantea a wɔaka aboa ano,

na wɔn awiei yɛ ogyaframa.

10Abɔnefo kwan, wɔde abo

asesɛw so fɛfɛɛfɛ,

nanso awiei no yɛ owu amoa.

Nyansa ne nkwaseasɛm

11Obiara a odi mmara so no,

hyɛ n’adwene so,

na nea ɛma mmara no di mu,

ne Awurade suro,

ɛno ne nyansa.

12nea onnim nyansa no, adekyerɛ yɛ den ma no

nanso nyansa bi wɔ hɔ a, ɛma abufuw dɔɔso.

13Onyansafo nimdeɛ bɛdɔɔso sɛ nsuyiri,

na wɔn afotusɛm bɛyɛ sɛ ɔbra nsuaniwa.

14Ɔkwasea adwene te sɛ kuruwa a abɔ;

entumi nkora nimdeɛ.

15Sɛ onimdefo te anyansasɛm a,

ɔkamfo na ɔde bi ka ho;

Nanso sɛ ɔkwasea te a,

ɔmpɛ na ɔtow kyene.

16Ɔkwasea kasa te sɛ,

akwantu mu adesoa,

mmom ahotɔ wɔ

onimdefo kasa mu.

17Onimdefo kasa no,

wɔhwehwɛ wɔ nhyiam ase,

na wɔde ne nsɛm no kɔ

adwennwen mu.

18Sɛnea ofituw te no,

saa na ɔkwasea nyansa te,

nea onnim nyansa no ka se:

Nimdeɛ yɛ kasa hunu.

19Nea onni adwene no,

bu nhomasua sɛ mpokyerɛ a

wɔde ato n’anan

na ɛte sɛ mpokyerɛ a

wɔde ato ne nsa nifa nso.

20Ɔkwasea serew a ɔteɛɛm,

nanso onyansafo serew a

ɛwɔ n'ano brɛoo.

21Onipa a n’adwene mu da hɔ no,

nhomasua yɛ sika ahyehyɛde ma no,

na ɛte sɛ n'abasa nifa so kaa.

22Ɔkwasea nan bɔ kirididi wura ofi mu,

nanso nea n’adwene mu dɔ no

de nidi gyina twɛn komm wɔ adiwo.

23Nea onnim de no,

gyina abobow ano de

n'aniwa hwɛ ofi mu,

nanso nea wapɔw no,

twɛn wɔ abobow ano.

24Ɛnyɛ ntetew pa,

sɛ nnipa begyina abɔnten

atie nea ɛrekɔ so wɔ dan mu,

na onipa a odi ne ho ni no,

bedi yaw sɛ wobegu n’anim ase.

25Ahɔho ano ka nea ɛmfa wɔn ho,

nanso onyansafo asɛm no

wɔkari wɔ nsania so.

26Nkwaseafo adwene da wɔn ano,

nanso anyansafo de da wɔn adwene mu.

27Sɛ onipa a onnim Nyame dome n'atamfo a,

ɔdome n'ankasa ne kra.

28Onipa a ɔbesebese n'ano no,

gu ne kra ho fi;

na wokyi no wɔ ne mpɔtam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help