1 Tesalonikafo 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Obiara nnim da ko a Awurade bɛsan aba

1 Mat 24.36 Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo.

2Mat 24.42-44; 2 Pe 3.10; Adi 3.3; 16.15 Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo.

3Yer 6.14; Mat 24.39 Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.

4Na mo de, anuanom, munni sum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo.

5Rom 13.12; Efe 5.8 Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.

6Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.

7Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔbow bow anadwo,

8Efe 6.14-17 na yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.

9Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye.

10Rom 14.8-9; 1 Te 4.14 Ɔno na owu maa yɛn sɛ yenyan oo, yɛda oo, yɛne no ntena nkwa mu.

11Yuda 20 Enti muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛnea moreyɛ no.

Afotu ahorow

12 1 Ko 16.18 Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo,

13na mummu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoe mu.

142 Te 3.15 Afei yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.

15Mmb 20.22; Rom 12.17; 1 Pe 3.9 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka, na mmom munni nea eye akyi daa, mo ne nnipa nyinaa ho.

16Flp 4.4 Momma mo ani nnye daa;

17Luka 18.1; Rom 12.12; Kol 4.2 munnnyae mpaebɔ da!

18Efe 5.20 Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho.

191 Ko 14.30; 14.39 Munnnum honhom no,

201 Ko 14.1 monntew adiyisɛm atua!

211 Ko 14.29; 1 Yoh 4.1 Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu den.

22Munyi mo ho mfi bɔne su nyinaa ho.

23Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.

241 Ko 1.9; 2 Te 3.3 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.

Nkradi

25Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn.

261 Ko 16.20 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.

27Mehyɛ mo Awurade mu sɛ momma wɔnkenkan nhoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa.

28Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help