1Sɛ AWURADE kae ni: Kɔ na kɔtɔ ɔnwemfo nkyɛn kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanyimfo ne asɔfo mu mpanyimfo no bi ka wo ho,
2Yer 19.11; 7.31 na fi adi kɔ Hinom ba bon a ɛwɔ anwemfo pon ano no mu, na pae nsɛm a mɛka makyerɛ wo no wɔ hɔ.
31 Sa 3.11; 2 Ah 21.12 Na ka sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede adebɔne reba ɛha yi a obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn.
4Efisɛ ɔman no agyaw me, na wɔadi ananafo asɛm ɛha yi, na wɔahyew aduhuam wɔ ha, ama anyame foforo a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahene nhuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifo mogya ahyɛ ɛha yi ma.
5Yer 7.31-32 Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mma abobɔ ɔhyew afɔre ama Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmaa me komam da.
6Ne saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bon bio, na mmom wɔbɛfrɛ no: Okum bon.
7Yer 7.33 Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afoa ano, wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama wim nnomaa ne wuram mmoa adi.
8Yer 18.16 Na mɛyɛ kurow yi amamfo ne fɛwdi, obiara a obetwam wɔ ho no, ne sɛe no nyinaa nti ne ho bedwiriw no na wabɔ hwirema hweehwee.
9Deut 28.53 Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmabea nam, na wobedi wɔn ho wɔn ho nam, ahohia ne ahoguan a wɔn atamfo ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no de beguan wɔn ho no mu.
10Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo kɔe no anim,
11Yes 30.14; Yer 7.32 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛnea wɔbɔ ɔnwemfo kuku a wontumi nyɛ no yiye bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kurow yi. Na Tofet ara na wobesie wɔn, efisɛ wɔrennya baabi nsie bio.
12Saa na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafo, AWURADE asɛm ni, na mede kurow yi mɛyɛ sɛ Tofet.
13Yer 32.29; Sef 1.5 Na Yerusalem afi ne Yuda ahene afi no ho begu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehyew atifi aduhuam ama ɔsoro asafo nyinaa no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforo no.
Pashur yɛ Yeremia aninyanne14Ɛnna Yeremia fii Tofet, nea AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ bae, na okogyinaa AWURADE fi abangua mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ:
15Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede bɔne a maka magu kurow yi so no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkurow nyinaa so, efisɛ wɔasen wɔn kɔn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
