Nnwom 101 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ahene BɔhyɛDawid dwom

1Mɛto adɔe ne atemmu ho dwom,

wo, AWURADE, na mɛto dwom mama wo.

2Mede nimdeɛ mɛfa pɛyɛ kwan so.

Da bɛn na wobɛba me nkyɛn?

Mede me koma pɛyɛ mɛnantew me fi.

3 Mmb 20.8, 28 Meremma ahuhusɛm bi nsi m’ani so,

mikyi ahohwisɛnni, ɛremfam me ho.

4Koma kɔntɔnkye mpare me,

bɔne rensɔ m’ani.

5Nea ohintaw twiri ne yɔnko no, ɔno na metwa no;

ahantan ani ne koma a ɛhoran merempene no.

6 Mmb 22.11 M’ani wɔ asase so nokwafo so, sɛ wɔmmɛtena me ho;

nea ɔnam pɛyɛ kwan so no, ɔno na ɔmmɛsom me.

7Nea otwa nkontompo rentena me dan mu,

nea ɔkeka atosɛm rennyina m’anim.

8 Mmb 20.26 Daa anɔpa metwitwa asase so abɔnefo nyinaa,

na matu amumɔyɛfo nyinaa mafi AWURADE kurow mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help