Eksodɔs 39 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔsom ntaade no yɛ(Eksodɔs 28.1-14)

1 Eks 28.4-30 Na bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi no, wɔde yɛɛ ɔsom ntade a wɔde bɛsom kronkronbea hɔ, na wɔyɛɛ Aaron ntade kronkron no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

2Na ɔde sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nwenee asɔfotade no.

3Na wɔboroo sika tratraa twitwaa no nteanteaa sɛ wɔde rebɛsesa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa no mu adi no adwinni.

4Wɔyɛɛ ɛho mmati a wɔde toa; na wɔkaa ano abien no toae.

5Na asɔfotade no nkyekyeremu a ɛwɔ so no, efi mu ara te sɛ n'adwinni no ara, sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

6Na wɔyɛɛ apopobibiri abo a esisi sika nnwinne mu a wɔakurukyerɛw so nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea Israel mma din te.

7Na ɔde fam asɔfotade no mmati so sɛ ɛnyɛ Israelfo no nkae abo, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Adɛbo no yɛ(Eksodɔs 28.15-30)

8Na ɔde adwinni nwenee adɛbo no sɛ asɔfotade no adwinni no te, sika bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira;

9ɛyɛ ahinanan, wobukaw adɛbo no to so, ne tenten yɛ nsama na ne trɛw yɛ nsama, na wobukaw to so.

10Na wɔde abo kyerɛpɛn anan sisii mu; kyerɛpɛn a edi kan no yɛ bogyanam bo, akrate bo ne ahabammono bo;

11na kyerɛpɛn a ɛto so abien yɛ nsrama bo, hoa bo ne bɔwerɛ bo;

12na kyerɛpɛn a ɛto so abiɛsa yɛ akutuhono bo, mfrafrae bo ne beredum bo;

13na kyerɛpɛn a ɛto so anan yɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo; ne nsisimu no wɔyɛɛ ho sika nnwinne hyiae.

14Na abo no ano du Israel mma no din ano, dumien, sɛ wɔn din te; ɛyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te.

15Na wɔde sika amapa yɛɛ adɛbo no so ntweaban a wɔawɔw no mmɛsa sɛ nhama.

16Na wɔyɛɛ sika nnwinne abien ne sika nkaa abien, na wɔde nkaa abien no hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien so.

17Na wɔde sika mmɛsa abien no toatoaa nkaa abien a ɛwowɔ adɛbo no ntwea so no mu.

18Na wɔde mmɛsa abien no ano abien a aka no toatoaa nnwinne abien no mu, na wɔde hyehyɛɛ asɔfotade no mmati abien no so, anim fam.

19Na wɔyɛɛ sika nkaa abien de hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien no so, wɔ ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotade no.

20Na wɔyɛɛ sika nkaa abien bio de hyehyɛɛ asɔfotade no afaafa abien no so anim fam wɔ ase a ɛbɛn ne ntoae, nguguso no nkyekyeremu no so.

21Na wɔde bibiri nhama kyekyeree adɛbo nkaa no susoo nguguso no nkaa no mu sɛ ɛmfam asɔfotade no nkyekyeremu no atifi, na adɛbo no antwitwiw amfi asɔfotade no so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Asɔfotade afoforɔ no yɛ(Eksodɔs 28.31-43)

22 Eks 28.31-35 Na ɔyɛɛ asɔfotade no ase batakari no, wɔde birisi na ɛnwenee ne nyinaa.

23Na batakari no tokuru da ne mfinimfini te sɛ nkatabo mu tokuru, wɔde ntamabena ban tokuru no ano hyiae, na ansuane.

24Na wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi a wɔafira yɛɛ ateaa aba wɔ batakari no mmuano so.

25Na wɔyɛɛ sika amapa nnɔnnɔmma, na wɔde nnɔnnɔmma no sensɛn ateaa aba no ntam ntam, batakari no mmuano no so de twaa ho hyiae, ateaa aba no ntam ntam:

26adɔmma ne ateaa aba, adɔmma ne ateaa aba didi so ara batakari no mmuano so hyia, na wɔde asom, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

27 Eks 28.39-42 Na wɔde nwera fɛfɛ a wɔanwene yɛɛ ntade yuu no maa Aaron ne ne mma,

28ne nwera abotiten, ne nwera ahokeka abotiri, ne nwera twakoto a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ayɛ,

29ne adenwene abɔmu a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi yɛe, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

30 Eks 29.6; Lew 8.9 Eks 28.36-38 Na wɔboroo sika amapa tratraa de yɛɛ abɔanim kronkron no, na wɔkyerɛw so nkyerɛwee sɛ nsɔanode so nkurukyerɛwee sɛ: Kronkron ma AWURADE.

31Na wɔde bibiri hama kyekyere fam abotiten no so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Adwuma no wie(Eksodɔs 35.10-19)

32Na wɔyɛɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma nyinaa wiei, na Israelfo yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa; saa ara na wɔyɛe.

33Na wɔde tenabea no brɛɛ Mose: ntamadan no ne ɛho nneɛma nyinaa, ne nkɔtɔkoro, ne nsisiho ntaaboo, ne mmeamu ne ne nsisimu adum ne ne nnyinaso;

34ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ nkataso ne sukraman nhoma nkataso, ne ntwamu mmɔhɔɔ no;

35adanse adaka ne ne mpoma ne mpata agua no;

36ɔpon no ne ɛho nneɛma nyinaa ne kyerɛ abodoo no;

37kaneadua kronkron no, n'akanea a wɔasiesie sisi so ne ɛho nneɛma nyinaa ne kanea no ngo;

38ne sika afɔremuka ne ɔsra ngo ne ɔhyew aduhuam ne ntamadan no ano nkataano no;

39kɔbere afɔremuka no ne ɛho kɔbere ntontan no, ne mpoma ne ɛho nneɛma nyinaa; asankasɔn no ne ne ntaase;

40adiwo no mmɔhɔɔ, n'adum ne ne nnyinaso ne adiwo no abobow ano nkataano, ne ntampehama ne ne mmofunnua, ne ahyiae ntamadan no tenabea no som ho nneɛma nyinaa;

41ɔsom ntade a wɔde som kronkronbea hɔ ne ɔsɔfo Aaron ntade kronkron ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no.

42Sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na Israelfo yɛɛ adwuma no nyinaa.

43Na Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa, na hwɛ, wɔayɛ no sɛnea AWURADE hyɛe no, saa pɛ na wɔyɛe. Na Mose hyiraa wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help