1 Petro 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nyankopɔn nguankuw so hwɛ

1 2 Yoh 1; Rom 8.17 Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:

2Yoh 21.16; Aso 20.28; 1 Tim 3.2-7 Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti;

32 Ko 1.24; Tito 2.7 ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.

41 Pe 2.25; Heb 13.20; 1 Ko 9.25; 2 Tim 4.8 Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no.

5 Efe 5.21; Mmb 3.34; Mat 23.12; Yak 4.6 Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ

Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,

na ɔdom ahobrɛasefo.

6 Hiob 22.29; Yak 4.10 Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu.

7Nnw 55.22; Mat 6.25; Flp 4.6 Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.

Munsiw ɔsɔhwɛfo no kwan

8 1 Te 5.6 Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.

9Efe 6.11-13 Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.

10 1 Pe 1.6 Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinaso.

11Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.

Nkradi ne nkyia

12 Heb 13.22 Menam onua nokwafo Silwano so, sɛnea mebu no no, makyerɛw nsɛntiaa yi mabrɛ mo, mede mitu mo fo na midi adanse sɛ eyi ne Nyankopɔn nokware adom a moabegyina mu yi.

13Aso 12.12; 12.25; 2 Tim 4.11 Asafo a ɛwɔ Babel a wɔapaw wɔn sɛ mo no ne me ba Marko kyia mo.

141 Ko 16.20 Momfa ɔdɔ mfewano nkyiakyia mo ho mo ho. Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help