Adiyisɛm 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Oguammaa no ne ne nkurɔfo

1 Adi 7.4; 3.12 Na mihui, na hwɛ, Oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma so no ka ne ho.

2Adi 1.15 Na metee nne bi fi soro te sɛ nsu bebree nne ne aprannaa kɛse nne. Na nne a metee no te sɛ asankubɔfo a wɔrebɔ wɔn asanku.

3Adi 5.9 Na wɔtoo dwom foforo bi, ahengua ne ateasefo baanan ne mpanyimfo no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko.

4 2 Ko 11.2; Efe 5.27; Adi 5.9 Eyinom ne wɔn a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun, wɔn na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu ayɛ wɔn aba a edi kan ama Onyankopɔn ne Oguammaa no,

5na wɔanhu atoro bi wɔ wɔn anom; na wonni dɛm.

Abɔfo baasa no

6 Adi 8.13 Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa,

7na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.

8 Adi 18.2; Yes 21.9; Yer 51.7-8 Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abien dii akyiri kae sɛ: Babel kɛse no ahwe ase, ahwe ase, efisɛ wama amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi.

9 Adi 13.12-17 Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abiɛsa dii wɔn akyi de nne kɛse teɛɛm sɛ: Sɛ obi kotow aboa no ne ne honi no, na ogye agyirae de si ne moma anaa ne nsa so a,

10Adi 16.19; Yer 25.15; Adi 19.20 ɔno ara na ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsa a wɔahwie no gyenn agu n’abufuw kuruwa mu no bi, na wɔayɛ no ayayade, ogya ne sufre mu, abɔfo kronkron ne Oguammaa no anim.

11Adi 19.3 Na wɔn ayayade wusiw bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkotow aboa no ne ne honi, ne obiara a obegye ne din agyirae no, rennya ɔhome awia ne anadwo.

12Adi 13.10; 12.17 Ɛha na ahotefo boasetɔ wɔ, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no.

Asase so Twabere

13 Yes 57.2; Heb 4.10 Na metee nne bi fii soro a ɛkae sɛ: Kyerɛw sɛ: Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi. Honhom no se: Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.

14 Dan 7.13; Mat 13.39; 13.41 Na mihui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te omununkum no so, na ɔbɔ sika abotiri na okura kantankrankyi nnamnam bi.

15Yoel 3.13 Na ɔbɔfo foforo fi asɔredan no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no sɛ: Tow wo kantankrankyi twitwa, efisɛ twa bere adu, na asase so nneɛma ahoa.

16Na nea ɔte mununkum no so no de ne kantankrankyi tow asase so, na wotwitwaa asase so nneɛma nyinaa.

17Na ɔbɔfo foforo fii soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam.

18Adi 14.15 Na ɔbɔfo foforo a ɔwɔ ogya so tumi fii afɔremuka no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea okura kantankrankyi nnamnam no sɛ: Tow wo kantankrankyi nnamnam no twitwa asase so bobe akasiaw, efisɛ n’aba no abere.

19Adi 19.15 Na ɔbɔfo no de ne kantankrankyi no tow asase so, na otwitwaa asase so bobe aba, na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa kɛse no mu.

20Yes 63.3 Na wotiatiaa nsa-kyi-amoa no so kurow no akyi, na mogya fii nsa-kyi-amoa no mu koduu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help