1 Hos 5.14 Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn,
na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare,
ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.
2 Deut 32.39 Nnanu akyi no, ɔbɛkanyan yɛn,
da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre
na yɛanya n’anim nkwa.
3Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no;
wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee,
na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu,
sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.
4Dɛn na menyɛ wo, Efraim?
Dɛn na menyɛ wo, Yuda?
Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum,
na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.
5 Yer 23.29 Enti menam adiyifo no so mabubu wɔn,
na mede m’anom nsɛm makum wɔn,
na m’atemmu ayi adi sɛ hann.
6 1 Sa 15.22; Mat 9.13; 12.7 Na mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ,
ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.
Israel asɛe apam7 Gye 3.6 Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam,
ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.
8Gilead yɛ mmusubɔfo kurow
a mogya akeka mu.
9Na asɔfo asafokuw no te sɛ akwamukafo asafo a wɔtɛw nnipa,
wodi awu ɔkwan mu de rekɔ Sekem;
yiw, abusude na wɔyɛ.
10 Hos 5.3 Mahu ahodwiriwde Israel fi,
ɛhɔ na Efraim bɔ aguaman, Israel ho agu fi.
11 Yoel 3.13; 3.1 Yuda nso, wɔahyɛ twabere ama wo,
bere a mede me man nnommum mɛsan maba no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
