1Animka bi wɔ hɔ a ɛnyɛ ne bere ne no;
na onipa bi wɔ hɔ a ne nyansa nti, ɔyɛ komm.
2Eye sɛ woka anim
sen sɛ wode abufuw bɛhyɛ wo mu.
3Nea ogye ne mfomso to mu no,
renni nkogu da.
4Sɛnea opiani goru ababaa ho pɛ sɛ ɔne no da no,
saa na onipa a ɔde ɔhyɛ yɛ papa te.
5Nnipa bi yɛ komm nso,
wobu wɔn sɛ wonim nyansa,
ebinom nso wɔ hɔ a, wɔkasa nanso wɔmpɛ wɔn asɛm.
6Nnipa bi wɔ hɔ a wɔyɛ komm efisɛ wonni biribi ka,
Ebinom nso wɔ hɔ a wɔyɛ komm, esiane sɛ wonnim bere a wɔde kasa.
7Onyansafo yɛ komm kodu bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa,
nanso ɔkwasea ɔhokyerɛfo no, hwere bere pa.
8Obiara a ɔkasa pii no, ho yɛ ahi,
na obiara a ɔhyɛ da twa atoro kyerɛ ne mpanyimfo no, wokyi no.
Abrabɔ mu nsɛm bi9Biribi pa bi tumi pue ma nea ɔwɔ ahokyere mu,
na siade tumi dan ɔhaw ma obi nso.
10Akyɛde bi wɔ hɔ a mfaso biara nni ho,
nanso akyɛde bi nso wɔ hɔ a ɛho mfaso yɛ mprenu.
11Anuonyam nti, nneɛma bi sɛe,
na nnipa binom nso wɔ hɔ a,
wɔbrɛ wɔn ho ase,
nam mu yɛ nnipa akɛse.
12Ebinom wɔ hɔ a wɔtɔ nneɛma pii tua ketewa bi pɛ,
nanso ɔbɔ ho mpɛn ason tua ka.
13Anyansafo nam nsɛm ketewa bi so
ma nkurɔfo pɛ wɔn asɛm,
nanso ɔkwasea nidi yɛ ɔkwa.
14Ɔkwasea akyɛde ho remma mfaso biara mma wo,
efisɛ ɔhwɛ kwan sɛ obenya mfaso mpɛn ason.
15Ɔma ketewa bi pɛ, nanso ɔhwɛ pii kwan,
ɔpae mu kasa sɛ dawurubɔfo;
ɔde fɛm nnɛ, ɔkyena na ɔregye n’ade;
Nea ɔte saa no, Onyankopɔn ne nnipa kyi no.
16Ɔkwasea na ɔka sɛ minni adamfo,
na minnya aseda biara mma me papayɛ;
wɔn a wodi m’aduan no bɔ me adapaa.
17Nnipa dodow ahe na wɔserɛw no,
na ɛyɛ mpɛn ahe?
Kasa a ɛmfata18Sɛ wowam wɔ atrapoe so a, eye sen sɛ wo tɛkyerɛma bɛfom;
ɔbɔnefo asehwe bɛba mpofirim ne ntɛm so.
19Onipa a n'ani nsɔ ade no, te sɛ anansesɛm a ɛmfata.
na bere nyinaa no na ɛda ɔtorofo ano.
20Ɔkwasea bu bɛ a wontie,
efisɛ ommu no bere pa mu.
21Ohia betumi asianka obi wɔ bɔne ho,
nti sɛ ɔrehome a onnya afobu biara.
22Animguase betumi akum obi,
anaasɛ obewu,
esiane nidi a nnipa wɔ ma no nti.
23Onipa betumi ahyɛ bɔ, esiane animguase nti,
ɛnam so ma onya atamfo kwa.
Atorodi24Atorodi yɛ fi wɔ onipa ho;
nanso bere nyinaa na ɛwɔ nea onnim biribi ano.
25Ɔtorofo wɔ hɔ yi, na efanim owifo,
nanso wɔn baanu nyinaa awiei ne ɔsɛe.
26Ɔtorofo anim begu ase,
na n’animguase tena ne so daa.
Mmebusɛm27Onyansafo de ne nsɛm nya mpontu,
na nea ɔyɛ abadwemma no,
ma mpanyimfo ani gye.
28Nea ɔyɛ asase so kua no,
bebu nnɔbae pii,
na obiara a ɔsɔ nnipa atitiriw ani no,
tua ntɛnkyew ho ka.
29Adomenade ne akyɛde fura anyansafo ani;
te sɛ nnareka a ɛda n'ano siw animka kwan.
30Nyansa a ahintaw ne agyapade a wonhu no,
mfaso nni abien no mu biara so?
31Eye sɛ nnipa de wɔn gyimi besie,
sen sɛ wɔde wɔn nyansa sie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.