1Medɔ AWURADE sɛ otie me nne
ne me nkotɔsrɛ.
2Na wabrɛ n’aso ase ama me,
enti mete ase yi, mɛbɔ ne din.
3 Nnw 116.8; 18.5 Owu nhama kyekyeree me,
na asaman ahohia too me,
mihuu ahoguan ne awerɛhow
4Na AWURADE din na mebɔe sɛ:
O! AWURADE, gye me kra.
5Ɔdomfo ne ɔtreneeni ne AWURADE,
Yiw yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborohunufo.
6AWURADE hwɛ ayemfo,
miguroe, na ogyee me nkwa.
7 Nnw 42.5 Me kra, san kɔ wo home mu,
na AWURADE ne wo adi no yiye.
8Na woayi me kra afi wu mu,
m’aniwa afi nusu mu,
ne me nan afi asehwe mu.
9 Nnw 27.13; 56.13 Mɛnantew AWURADE anim,
ateasefo asase so.
10 2 Ko 4.13 Magye madi, mpo bere a mekae sɛ:
Me de, meyɛ mmɔbɔ sɛ!
11 Rom 3.4 Mekae m’abotu mu sɛ:
Nnipa nyinaa yɛ atorofo.
12Dɛn na mede mɛhyɛ AWURADE anan mu,
ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho?
13Mɛma nkwagye kuruwa so,
na mabɔ AWURADE din.
14 Nnw 22.25 Mede m’aboade mɛma AWURADE,
ne man nyinaa anim.
15 Nnw 72.14 AWURADE ahotefo wu de,
ɛbo yɛ den n’anim.
16O! AWURADE, meyɛ w’akoa, meyɛ w’akoa,
w’afenaa ba, woasan me nhama.
17Wo na mɛbɔ wo aseda afɔre,
na mabɔ AWURADE din.
18Mede m’aboade mɛma AWURADE,
ne man nyinaa anim,
19AWURADE fi adiwo, wo, Yerusalem, mfinimfini.
Munyi AWURADE ayɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
