Nnwom 115 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn nko na nidi sɛ no

1Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn,

na wo din mmom na anuonyam nka

w’adɔe nti, wo nokware nti.

2 Nnw 42.3 Adɛn na amanaman nka sɛ:

Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ?

3Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro,

nea ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.

4 Deut 4.28; Yes 44.9-20 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,

nnipa nsa ano adwuma.

5Wɔwɔ ano, na wɔnkasa,

wɔwɔ aniwa, na wonhu ade,

6wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm,

wɔwɔ hwene, na wɔnte hua.

7Wɔn nsa, wɔmfa nka ade,

wɔn anan, wɔmfa nnantew,

na wɔmfa wɔn menewa nkasa.

8Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara,

obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.

9 Nnw 118.2 Israel, fa wo ho to AWURADE so.

Ɔne wɔn boa ne wɔn kyɛm.

10 Nnw 118.3 Aaron fi, momfa mo ho nto AWURADE so.

Ɔne wɔn boa ne wɔn kyɛm.

11 Nnw 118.4 Mo a musuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so.

Wɔn boa ne wɔn kyɛm.

12AWURADE akae yɛn, obehyira yɛn,

obehyira Israel fi, obehyira Aaron fi,

13obehyira wɔn a wosuro AWURADE,

nketewa ne akɛse nyinaa.

14AWURADE bɛma mo adɔɔso,

mo ne mo mma.

15Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE,

ɔsoro ne asase yɛfo no.

16Ɔsoro yɛ AWURADE soro,

na asase de, ɔde ama nnipa mma.

17 Nnw 6.5; Yes 38.18 Ɛnyɛ awufo na wobeyi AWURADE ayɛ,

na ɛnyɛ wɔn a wosian kɔ kommyɛ mu biara.

18Na yɛn de, yebehyira AWURADE

afi nnɛ akosi daa.

Munyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help