Mmebusɛm 9 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nyansa frɛ

1Nyansa asi ne dan,

wasen n’adum asɔn;

2 Mat 22.4 wakum ne mmoa,

wafra ne nsa,

na wasiesie ne pon nso;

3wasoma ne mmaawa,

ɔkɔteɛm kurow mu sorɔnsorɔmmea so sɛ:

4Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha!

Na nea onni ti no, ose no sɛ:

5Mommra mmedi m’aduan no bi,

na monnom me nsa a mafra no bi.

6 Mmb 1.22 Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa,

na monnantew nhumu kwan so.

7Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no soa aniwu,

na nea ɔka ɔbɔnefo anim no nya nkekae.

8 Mmb 23.9 Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo;

ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo.

9Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa,

ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu,

10 Mmb 1.7 Ampa ara nyansa mfiase ne AWURADE suro,

na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.

11 Mmb 3.2, 16 Na me nti wo nna de bɛdɔɔso,

na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho.

12Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa,

na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.

Nkwaseasɛm ho kɔkɔbɔ

13Ɔbea kwasea yɛ ɔkasafo,

tibɔnkɔso a onnim hwee;

14ɔtena ne fi abobow ano,

kurow mu sorɔnsorɔn hɔ agua so,

15sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresen ɔkwan so,

wɔnam wɔn nkwammɔe so tee no sɛ:

16Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha!

Na nea onni ti nso, ose no sɛ:

17 Mmb 20.17 Nsu a wowia yɛ fremfrem,

na ahintaduan yɛ dɛ!

18Nso onii no nnim sɛ nsamanfo wɔ hɔ,

asaman abun mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help